Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebrifo 6

1 Momma yennyae Kristo mfiase ho nkyerɛkyerɛ na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ yenu yɛn ho nneyɛe a ɛde owu brɛ yɛn ne nea enti a ɛsɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi no ho. 2 Ɛho nhia nso yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔre ne daa atemmu ho nsɛm bio. 3 Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na Onyankopɔn ma kwan a saa ara na yɛbɛyɛ.

Ɔpo Ho Amanehunu

4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe, na wonyaa wɔn kyɛfa Honhom Kronkron no mu. 5 Wofi osuahu mu ahu Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu wiase a ɛreba no mu tumi. 6 Nanso ɛno akyi no wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den wɔde wɔn bɛsan aba bio wommenu wɔn ho, efisɛ wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asennua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. 7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnom osu a ɛtɔ gu so na ɛma afifide yie ma wɔn a wɔn nti woduae no. 8 Na nsɔe ne nwura hunu fifi so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.

9 Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba. 10 Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no. 11 Nea yɛrehwehwɛ ne mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no. 12 Yɛmpɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ yehu mo agyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka a Onyankopɔn ahyɛ mo no.

Abraham So Nhwɛso

13 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no, ɔkaa nea wahyɛ ho no ho ntam. Esiane na obiara nni a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14 Ɔkaa ntam no se, "Mehyɛ wo , mehyira wo na mama wʼase adɔ." 15 Na Abraham ntoboase nti, ne nsa kaa a Onyankopɔn hyɛɛ no no.

16 onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17 Onyankopɔn pɛɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no se ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. 18 Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran yenso yɛn anidaso no mu yiye. 19 Yɛwɔ saa anidaso yi ɔkra sɛkyɛ. Etim , na ɛma yɛhyɛn tra ntwamtam no kosi Kronkron mu Kronkron . 20 Yesu asi yɛn anan mu adi yɛn kan . Wayɛ Ɔsɔfopanyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também