Ganância
A ganância é raiz de todos os males. A Bíblia alerta contra a cobiça, o acúmulo egoísta e o amor ao dinheiro, chamando-nos ao contentamento e à confiança em Deus.
O amor ao dinheiro
O amor ao dinheiro é raiz de todos os males. Quem quer enriquecer cai em tentação, armadilha e desejos insensatos.
Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntin. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneennen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu.
"Obiara ntumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.
Nkwa Dedaw Ne Nkwa Foforo
Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu.
Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron.
Contentamento
Tende cuidado e guardai-vos de toda espécie de ganância. A vida de um homem não consiste na abundância dos bens que possui.
Ɔtoaa so se, "Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so."
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya?
"Monnhyehyɛ mo agyapade wɔ asase yi so, nea ntɛferɛw betumi awe, na ebetumi agye nkannare na asɛe, na akorɔmfo betumi awia. Mmom monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkannare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia.
Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;
hu nyansa na tɔ wo bo ase.
Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so,
na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
Riqueza ilusória
As riquezas são passageiras. Quem ama o dinheiro nunca terá o suficiente. O contentamento com o que se tem é verdadeira riqueza.
Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da;
na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya.
Eyi nso yɛ ahuhude.
Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae,
na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ.
Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a
obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ.
Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree,
nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.
Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn.
Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho
na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho.