Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 21

1 Ɔhene koma da Awurade nsam;

ɔkyerɛ no ɔkwan te asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.

2 Onipa akwan nyinaa teɛ nʼani so,

nanso Awurade na ɔkari koma.

3 woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a,

ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.

4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma,

ne amumɔyɛfo asetena nyinaa bɔne!

5 Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba,

sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.

6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no,

ɛyɛ omununkum a etwa mu , na ɛsan owu afiri.

7 Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ,

efisɛ wɔmpɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.

8 Onipa a odi no akwan kɔntɔnkye,

na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.

9 Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena

ye sen wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.

10 Omumɔyɛfo kɔn bɔne;

onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.

11 wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa,

wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.

12 Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so omumɔyɛfo fi,

na ɔde omumɔyɛfo no ɔsɛe mu.

13 onipa sisiw nʼaso mmɔborɔni su ho a,

ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.

14 Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma,

kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.

15 wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye,

nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.

16 Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no

bɛhome awufo fekuw mu.

17 Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani;

nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.

18 Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to ma atreneefo,

na atorofo saa ma wɔn a wɔyɛ .

19 Eye wobɛtena sare so,

sen wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.

20 Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma,

nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.

21 Nea otiw trenee ne ɔdɔ no

nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.

22 Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so,

na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.

23 Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no

twe ne ho fi amanenya ho.

24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne "Ɔfɛwdifo"

ɔde ahantan ntraso ade.

25 Nea ɔkwadwofo kɔn no bɛyɛ owu ama no,

efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.

26 Da mu nyinaa ɔpere obenya bebree,

nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.

27 Omumɔyɛfo afɔrebɔ akyiwade,

ne titiriw ne ɔde adwemmɔne bata ho.

28 Ɔdansekurumni bɛyera,

na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.

29 Amumɔyɛfo di akakabensɛm,

na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.

30 Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni a

ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.

31 Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da,

nanso nkonimdi Awurade dea.

Veja também