Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 12

Ahemfo A Wodii Wɔn So Yordan Apuei Fam

1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho.

2 Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so.

Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.

3 Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase.

4 Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.

5 Na odii hene ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

6 Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no.

Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So

7 Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so Yordan atɔe fam fi Baal-Gad Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no wɔn agyapade, 8 a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae no Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.)

Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

9 Yerikohene baako

Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako

10 Yerusalemhene baako

Hebronhene baako

11 Yarmuthene baako

Lakishene baako

12 Eglonhene baako

Geserhene baako

13 Debirhene baako

Gaderhene baako

14 Hormahene baako

Aradhene baako

15 Libnahene baako

Adulamhene baako

16 Makedahene baako

Bet-Elhene baako

17 Tapuahene baako

Heferhene baako

18 Afekhene baako

Lasaronhene baako

19 Madonhene baako

Hasorhene baako

20 Simronhene baako

Aksafhene baako

21 Taanakhene baako

Megidohene baako

22 Kedeshene baako

Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako

23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako

amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako

24 Tirsahene baako

  Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também