Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 18

Asase A Aka No Mu Kyekyɛ

1 Afei a asase no abedi Israelfo nsam no, Israelfo nyinaa boaa wɔn ho ano Silo18.1 Silo a efi Yerusalem kɔ hɔ no yɛ kilomita aduanan no bɛyɛɛ amanyɛsɛm ne gyidi som man wɔ Israel. Na Ahyiae Ntamadan no si hɔ ara kosii Samuel bere so (1 Sam 4.1-11) a wɔde kɔɔ Gibeon (1 Be 21.29). na wosii hyiadan. 2 Nanso na aka mmusuakuw ason a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn ɛ.

3 Enti Yosua bisaa wɔn se, "Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? 4 Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no. 5 Akwansrafo no bɛkyekyɛ asase no mu ason, na wɔmmfa Yuda asase a ɛda anafo fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. 6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew Awurade, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara. 7 Nanso Lewifo no rennya asase biara. Wɔn dwumadi Awurade asɔfo no bɛyɛ wɔn agyapade. Na Gad ne Ruben mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nso nnya asase no bi bio, efisɛ wɔanya wɔn agyapade a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa wɔn Asubɔnten Yordan apuei fam no dedaw."

8 Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn , "Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no." 9 Mmarima no yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu ason, kyerɛw nkurow a ɛwɔ asase no nkyekyɛ mu biara so. Wɔsan kɔɔ Yosua nkyɛn Silo atenae .

10 Silo na Yosua bɔɔ ntonto kronkron Awurade anim de pɛɛ asasetaw a ɛsɛ abusuakuw biara fa.

Asase A Wɔde Maa Benyamin

11 Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam.

12 Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam. 13 Ɔhye no fi Lus (a ɛyɛ Bet-El) anafo fam, na ɛtoa so Atarot-Adar ne bepɔw atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafo anafo fam.

14 Afei ɔhye no fa anafo fam, nam bepɔw a anim hwɛ Bet-Horon atɔe fam no ntentenso, kosi Kiriat-Yearim, a ɛyɛ Kiriat-Baal akuraa; Yuda abusuakuw no nkurow no mu baako. Eyi ne atɔe fam hye.

15 Anafo fam hye no, fi Kiriat-Yearim mfikyiri. Efi fa atɔe fam Neftoa nsuwansuwa asuti ho, 16 na asian akɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon a ɛwɔ Refaim bon no atifi fam no ase. Ɛtoa so Hinom anafo fam, na atwam nsian a na Yebusifo te no anafo fam na akodu En-Rogel. 17 Ɔhye no fi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kosi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanim na afei asian akɔ Bohan a na ɔyɛ Ruben babarima no bo ho. 18 Ɛtoa so fa nsian a ɛhwɛ Yordan Bon no atifi fam. Afei ɔhye no obon no mu, 19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsian no atifi fam na akɔpem Nkyene Po no atifi awiei ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafo fam abɔe.

20 Apuei fam hye no Asubɔnten Yordan.

Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Benyamin abusuakuw no.

Nkurow A Wɔde Maa Benyamin

21 Nkurow a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Benyamin abusuakuw na edidi so yi:

Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, 22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, 23 Awim, Para ne Ofra, 24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkurow dumien ne wɔn nkuraa.

25 Gibeon, Rama ne Beerot, 26 Mispa, Kefira ne Mosa, 27 Rekem, Yirpeel ne Tarala, 28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifo kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkurow dunan ne wɔn nkuraa.

Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Benyamin abusuakuw no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também