Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 16

Efraim Ne Manase Agyapade

1 Yosef asefo no kyɛfa fi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, Yeriko nsuwa no apuei fam, kɔfa sare no so kopue Bet-El bepɔw asase no so. 2 Efi Bet-El, a ɛyɛ Lus, a ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifo mantam mu. 3 Esian fa atɔe fam kosi Bet-Horon Anafo a ɛwɔ Yafletifo mantam mu. Ɛtoa so Geser na afei akosi Po Kɛse no mu.

4 Yosef mmabarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapade.

Asase A Wɔde Maa Efraim

5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua wɔn agyapade.

Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi Bet-Horon Soro, 6 na akɔ Po Kɛse no ho. Atifi fam hye no fi Po Kɛse no, ɛfa apuei fam, twa mu Mikmetat, na akɔntɔn afa apuei fam, atwa mu Taanat-Silo akɔ Yanoa apuei fam. 7 Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8 Efi Tapua a, ɔhye no atɔe fam, nam Kana Suka no mu kosi Po Kɛse no. Saa agyapade yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Efraim abusuakuw no.

9 Wɔde nkurow bi ne wɔn nkuraase a ɛwɔ Manase abusuakuw no fa mantam mu maa Efraim.

10 Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te nkoa de besi nnɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também