Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 19

Asase A Wɔde Maa Simeon

1 Asase no nkyemu a ɛto so abien no kɔɔ Simeon abusuakuw no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia. 2 Na nea edidi so yi ne Simeon agyapade:

Beer-Seba, Seba ne Molada, 3 Hasar-Sual, Bala ne Esem, 4 Eltolad, Betul ne Horma, 5 Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa, 6 Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkurow dumiɛnsa ne wɔn nkuraa.

7 Nkurow a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkurow anan ne wɔn nkuraa, 8 ne nkuraa a ɛwɔ anafo fam kosi Baalat-Beer, nea ɛwɔ Negeb a wɔfrɛ no Rama no.

Eyi ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuw mu no agyapade. 9 Wɔn agyapade no Yuda de no fa bi a wɔde maa Yuda, efisɛ na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno nti, Simeon abusuakuw no nyaa wɔn agyapade fii Yuda asase no mu.

Asase A Wɔde Maa Sebulon

10 Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu Sebulon abusuakuw no nsam.

Sebulon agyapade hye no fi ase Sarid. 11 Efi atɔe fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa Yokneam apuei fam asuwa ho. 12 Ɔhye no fa fi Sarid apuei fam kosi Kislot-Tabor; ɛtoa so Daberat na aforo akɔ Yafia. 13 Afei, ɛtoa so apuei fam kodu Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na adan ahwɛ Nea. 14 Sebulon hye a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ebewie Yifta-El bon mu.

15 Nkurow ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem.19.15 Ɛsono Betlehem a wɔbɔ din wɔ ha yi na ɛsono Betlehem a ɛwɔ Yuda no (1 Sam 17.12; Rut 1.1). Nkurow dumien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

16 Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu Sebulon abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Isakar

17 Asase no nkyɛmufa a ɛto so anan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu Isakar abusuakuw no nsam.

18 Nʼahye nenam saa nkurow yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem, 19 Hafraim, Shion ne Anaharat, 20 Rabit, Kision ne Abes, 21 Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases.

22 Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie Asubɔnten Yordan ho.

Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

23 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu Isakar abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Aser

24 Asase no nkyemu a ɛto so anum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu Aser abusuakuw no nsam. 25 Nʼahye no fa saa nkurow yi so:

Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, 26 Alamelek, Amad ne Misal. Ɔhye a ɛda atɔe fam no fi Karmel Sihor-Libnat, 27 na ebukaw fa apuei fam Bet-Dagon, ara kosi Sebulon Yifta-El bon no mu, atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so atifi fam, kɔfa Kabul, 28 ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, ara kosi Sidon Kɛse. 29 Afei ɔhye no dan kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no besi Po Kɛse no ho Hosa. Nkurow a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib, 30 Uma, Afek ne Rehob,

Nkurow aduonu abien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia.

31 Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu Aser abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Naftali

32 Asase no nkyemu a ɛto so asia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu Naftali abusuakuw no nsam.

33 Ne hye no fi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan. 34 Atɔe fam hye no twam Asnot-Tabor Hukok, kosi Sebulon hye no anafo fam, Aser hye atɔe fam ne Asubɔnten Yordan apuei fam.

35 Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret, 36 Adama, Rama ne Hasor, 37 Kedes, Edrei ne En-Hasor, 38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes.

Nkurow dunkron ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia.

39 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu Naftali abusuakuw no agyapade.

Asase A Wɔde Maa Dan

40 Asase no nkyemu a ɛto so ason no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu Dan abusuakuw no nsam.

41 Nkurow a na ɛwɔ Dan agyapade mu no bi Sora, Estaol ne Ir-Semes, 42 Saalabin, Ayalon ne Yitla, 43 Elon, Timna ne Ekron, 44 Elteke, Gibeton ne Baalat, 45 Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon, 46 Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim.

47 Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa , tenaa . Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no.

48 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu Dan abusuakuw no agyapade, saa nkurow yi ne wɔn nkuraa.

Asase A Wɔde Maa Yosua

49 Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no wiee no, Israelfo no maa Yosua asase sin sononko bi nʼagyapade. 50 Na Awurade aka se kurow biara a Yosua no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɔkyekyeree kurow no foforo na ɔtenaa .

51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ Awurade anim hyiadan pon no ano Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também