Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 5

1 Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.

Israelfo San Apam No Ho Amanne

2 Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, "kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio." 3 Enti, Yosua yɛɛ kyerɛwbo asekan no de twitwaa Israelfo nyinaa twetia Aaralot koko so.

4 Na ɛsɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu sare no so. 5 Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn sare no so akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. 6 Israelfo no kyinkyinii sare no so mfe aduanan kosii mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen so no. 7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no. 8 Otwaa mmarima no nyinaa twetia wiei no, wogyee wɔn ahome atenae kosii wɔn ho tɔɔ wɔn.

9 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, "Nnɛ mayi mo nkoayɛ Misraim ho animguase no afi mo so." Ɛno nti, wɔfrɛ beae Gilgal de besi nnɛ.

10 Bere a Israelfo no Gilgal atenae Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no. 11 Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so. 12 Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae.

Awurade Sahene Hyia Yosua

13 Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, "Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?"

14 Na ɔbarima no buaa se, "Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade nsraadɔm so safohene." Yosua tee eyi no, ɔdaa de nʼanim butuu fam nidi mu na ɔkae se, "Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ wo somfo ?"

15 Awurade nsraadɔm safohene no buae se, "Yi wo mpaboa na ɛha asase kronkron." Na Yosua yɛɛ nea ɔkyerɛɛ no ɔnyɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também