Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 20

Guankɔbea Nkuropɔn

1 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, 2 "Afei, ka kyerɛ Israelfo no na wonyiyi guankɔbea nkuropɔn no sɛnea mehyɛɛ Mose no. 3 Obiara a wanhyɛ da na obekum obi no tumi guan nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho aguaa, sɛnea owufo no abusuafo no rentumi ntɔ okum no so were. 4 onipa a wanhyɛ da na okum obi no du kuropɔn no bi so a, onkohu kuropɔn no mu mpanyimfo kuropɔn no pon ano na ɔnkyerɛ wɔn nea esii. Ɛsɛ wɔma ho kwan ma owura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. 5 owufo no abusuafo ba wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ mpanyimfo no yi okumfo no ma, efisɛ ɛyɛ esiane. 6 Nanso ɛsɛ okumfo no tena kuropɔn no mu na ɔmanfo di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ owudifo no so tena kurow no mu, efisɛ owu no asiane. Ɔbɛtena akosi ɔsɔfopanyin a ɔwɔ saa bere no a asɛm no sii no bewu. Ɛno akyi, okumfo no ho kwan ɔsan ne kurom."

7 Nkuropɔn a edidi so yi na woyiyi yɛɛ guankɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea Naftali bepɔw asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so. 8 Na Asubɔnten Yordan apuei fam nso a etwa mu fi Yeriko no, saa nkuropɔn a edidi so yi na woyiyii guankɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ sare pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuw de no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuw asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuw no asase. 9 Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea saa nkuropɔn yi biara so. wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também