Pular para o conteúdo
Publicidade

Homem

Por Bíblia Online

A Bíblia fala sobre o homem como criação de Deus — feito à sua imagem e semelhança, mas também frágil, mortal e necessitado de redenção.

Criado à imagem de Deus

Deus criou o homem à sua imagem. Mas pelo pecado, o homem caiu e passou a depender da graça para ser restaurado.

Onyankopɔn kae se, "Momma yɛmmɔ onipa yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so asase so no so."

Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.

Da no anwummere, wɔtee Awurade Nyankopɔn nka ɔnam turo no mu; enti Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kosiee nnua a ɛwɔ turo mu no mu sɛnea Awurade Nyankopɔn renhu wɔn.

Adam Owu Farebae, Kristo Nkwa Farebae

Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.

Kyerɛwsɛm no ka se, "Na Adam a odi kan no onipa teasefo" nanso Adam a otwa to no Honhom a ɔma nkwa. Ɛnyɛ honhom muni na ɔbaa kan. Ɔbaa nea okura honam fam nipadua no akyi. Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi ɔsoro. Wɔn a wɔte asase so no te nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te wɔn a wofi ɔsoro. Sɛnea yɛte nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ onipa a ofi ɔsoro no.

Fragilidade humana

O homem nascido de mulher é de poucos dias e cheio de inquietação. Deus conhece nossa fragilidade e cuida de nós.

"Nnipa a ɔbea awo wɔn

nna tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.

Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn?

Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana?

"Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ,

na wʼani ku ne ho,

Na mmom wɔaka Kyerɛwsɛm no mu baabi se,

"Onipa ne hena a wokae no;

na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?

Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

Renovação e chamado

Despojados do velho homem e revestidos do novo, somos chamados a buscar a justiça, a piedade e o amor.

Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho. Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo, na montena ase suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no.

Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba;

Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi.

Meyɛ abofra no, mekasaa abofra, medwenee abofra, misusuwii abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no.

Awurade hu onipa akwan nyinaa,

na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

Koma mu nhyehyɛe onipa de,

na tɛkrɛma mmuae fi Awurade.

A confiança errada

Maldito o homem que confia no homem. O homem de duplo ânimo é instável em todos os seus caminhos.

Sɛɛ na Awurade se,

"Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so,

nea ɔde ne ho to ɔhonam so nʼahoɔden

na ne koma dan fi Awurade ho.

Ɛnsɛ saa onipa no susuw obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; nʼadwene no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.

Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa mmabun,

Seja o primeiro