Pular para o conteúdo
Publicidade

Jó 14

1 "Nnipa a ɔbea awo wɔn

nna tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.

2 Ɔfefɛw te nhwiren na etwintwam;

ɔte sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena nkyɛ.

3 Woma wʼani saa onipa yi so?

Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?

4 Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu?

Obiara nni .

5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna;

woahyɛ nʼasram dodow ato

na woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.

6 Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ,

kosi obewie nʼadwuma ɔpaani.

7 "Dua mpo anidaso ma no:

wotwa a, ɛbɛfefɛw bio,

na ne mman foforo no rempenpan.

8 Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu

na ne dunsin nso awu dɔte mu,

9 nanso, onya nsu a ɛfefɛw,

na eyiyi mman dua a wɔatɛw.

10 Nanso nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;

ɔhome nea etwa to a, na afei onni bio.

11 Sɛnea nsu tu yera po mu no,

anaa sɛnea suka mu yowee no,

12 saa ara na onipa fam na ɔnsɔre bio;

enkosi ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔre

na wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.

13 "anka wode me besie ɔda mu

de me ahintaw kosi wʼabufuw betwa mu!

anka wobɛhyɛ me bere

na afei woakae me!

14 onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana?

Mʼaperedi nna mu nyinaa

mɛtwɛn akosi me foforoyɛ bɛba.

15 Wobɛfrɛ na megye wo so;

wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.

16 Afei wobɛkan mʼanammɔntu

na worenni me bɔne akyi.

17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano kotoku mu,

na woakata mʼamumɔyɛ so.

18 "Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono

na ɔbotan nso twe fi ne sibea no,

19 sɛnea nsu yiyi abo ho

na osuhweam twe dɔte no

saa ara na wosɛe onipa anidaso.

20 Wutintim ne so prɛko , na otwa mu ;

wosakra ne nipasu na wugya no kwan.

21 wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim;

na wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.

22 Ɔno ara were mu yaw na ɔtee

na ɔno ara ne ho na ogyam."

Veja também