Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 25

Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa

1 Na Suhini Bildad buae se,

2 "Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;

ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3 Wobetumi akan nʼakofo ana?

Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?

4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim?

Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?

5 Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn

na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,

6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa,

onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.