Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 17

1 Me honhom atɔ beraw,

me nna so atwa,

na ɔda retwɛn me.

2 Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia;

ɛsɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.

3 "Ao Onyankopɔn, hyɛ me a wuhia.

Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?

4 Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;

enti woremma wonni nkonim.

5 obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a,

ɛbɛhwere ne mma aniwa.

6 "Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,

obi a wɔte ntasu gu nʼani so.

7 Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo

me nipadua nyinaa sunsuma.

8 Ɛyɛ atreneefo nwonwa;

wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.

9 Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim,

na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.

10 "Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ!

Na merennya onyansafo mo mu.

11 Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam.

Nanso me koma apɛde

12 ma anadwo dan awia;

sum mu koraa no hann bɛn.

13 ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda,

mesɛw me kɛtɛ sum mu,

14 meka kyerɛ porɔwee se, Wo mʼagya,

ne osunson se, Me naanaa Me nuabeaa,

15 na afei mʼanidaso he?

Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?

16 Ebesian akɔ owu pon ano ana?

Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também