Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 21

1 Na Hiob buae se,

2 Muntie me nsɛm no yiye.

Momma eyi nyɛ awerɛkyekye a mode ma me.

3 Munnya ntoboase mma me bere a merekasa,

na mekasa wie a, monkɔ so nni fɛw.

4 "Minwiinwii hyɛ onipa ana?

Adɛn nti na ɛsɛ minya ntoboase?

5 Monhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo;

momfa mo nsa nkata mo ano.

6 midwen eyi ho a, mebɔ hu;

na me ho popo.

7 Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu?

Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi.

8 Wohu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔso,

wohu wɔn nenanom.

9 Ɔhaw nni wɔn afi mu, na ehu nni ;

Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.

10 Wɔn anantwinini nnyɛ asaadwe;

na wɔn anantwibere nwo a wɔmpɔn.

11 Wɔka wɔn mma mu te nguankuw;

na emu mmotafowa no huruhuruw.

12 Wɔto nnwom akasae ne sanku so;

na wɔde atɛntɛbɛn nnyigyei gye wɔn ani.

13 Wodi yiye wɔn nkwanna mu

na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu.

14 Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, Fi yɛn so!

Yɛmpɛ yehu wʼakwan.

15 Hena ne otumfo no a ɛsɛ yɛsom no?

yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?

16 Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam,

enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.

17 "Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea?

Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so,

nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no?

18 Mpɛn ahe na wɔyɛ sare mframa ano,

te ntɛtɛ a mframaden bi apra wɔn?

19 Wɔka se, Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.

Ɛsɛ ɔtwe onipa no ankasa aso ma ohu.

20 Ma ɔno ankasa ani nhu ne sɛe;

ma Otumfo abufuwhyew no nka nʼani.

21 Dɛn na ɛfa wɔn ho fa wɔn abusuafo a woagyaw wɔn akyi no ho

bere a asram a wɔatwa ama no aba awiei no?

22 "Obi betumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa,

bere a obu atitiriw mpo atɛn?

23 Obi wu bere a ɔwɔ ahoɔden

ne ho no na nʼaso mu adwo no,

24 na ne nipadua ayɛ frɔmfrɔm,

na hon ahyɛ ne nnompe ma.

25 Ɔfoforo nso de ɔkra mu yawdi wu,

a wanka asetena pa anhwɛ da.

26 Wosie wɔn nyinaa mfutuma koro mu,

ma asunson nnunu wɔn nyinaa.

27 "Mahu mo adwene,

ɔkwan a mobɛfa so afom me.

28 Moka se, Onipa kɛse no fi he,

ntamadan a omumɔyɛfo no tenaa mu no?

29 So mummmisaa wɔn a wotu kwan no asɛm da?

Wɔn amanneɛbɔ mu nsɛm ho nhiaa mo

30 onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da,

na wogye wɔn abufuwhyew da no ana?

31 Hena na ɔde ne suban si nʼanim?

Hena na otua no nea wayɛ so ka?

32 Wɔsoa no ɔda mu,

na wɔwɛn nʼaboda.

33 Obon mu dɔte no ;

nnipa nyinaa di nʼakyi,

na dɔm a wontumi nkan wɔn di nʼanim.

34 "Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu bɛkyekye me werɛ?

Mo mmuae nyɛ hwee atoro!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também