Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 37

1 "Eyi ma me koma kitirikitiri

na ehuruw fi nʼatenae.

2 Tie! Tie ne nne mmubomu,

ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.

3 Ogyaa nʼanyinam mu ɔsoro ase nyinaa

na ɔma ekodu asase ano.

4 Ɛno akyi na ne mmubomu no ba;

ɔde nne kɛse bobɔ mu.

ɔkasa a,

biribiara nsianka no.

5 Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no nwonwa;

ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.

6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, gu asase so,

ne osu nso se, osutɔ kɛse.

7 Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti,

ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.

8 Wuram mmoa kɔtetɛw;

wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.

9 Ahum tu fi ne pia mu,

na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.

10 Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba,

na nsu tamaa no kyen.

11 Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma;

na otwa nʼanyinam fa mu.

12 Ɔhyɛ ma wokyinkyin

fa asase so nyinaa hyia

nea ɔhyɛ wɔnyɛ biara.

13 Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso,

anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.

14 "Tie eyi, Hiob;

gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.

15 Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so,

na ɔma nʼanyinam twa?

16 Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim,

nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?

17 Mo a mufi fifiri mo ntade mu

bere a anafo mframa ma asase no dinn no,

18 wubetumi aboa no ama watrɛw wim,

a ɛyɛ den kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?

19 "Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ yɛka kyerɛ no;

yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.

20 Ɛsɛ wɔka nea mepɛ meka kyerɛ no ana?

Onipa bi a ɔbɛpɛ wɔbɛmene no ana?

21 Obiara rentumi nhwɛ owia,

sɛnea ɛhyerɛn wim

bere a mframa abɔ ama wim atew.

22 Ofi atifi fam ba anuonyam sononko mu;

Onyankopɔn ba ahenni nwonwaso mu.

23 Otumfo no korɔn yɛn so na wɔpagyaw no tumi mu;

nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.

24 Ɛno nti nnipa de nidi ma no,

efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também