Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 24

1 "Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu?

Adɛn nti na ɛsɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?

2 Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye;

na wɔde nguankuw a wɔawia adidi.

3 Wɔpam ayisaa mfurum

na wogye akunafo anantwi awowaside.

4 Wosum ahiafo fi kwan so

na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.

5 Sɛnea sare so mfurum no

saa ara na ahiafo no wɔn adwuma de aduan;

asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.

6 Wɔboaboa mmoa aduan ano mfuw no so

na wodi mpɛpɛ amumɔyɛfo bobe nturo mu.

7 Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo;

wonni hwee a wɔde kata wɔn ho awɔw mu.

8 Mmepɔw so osu fɔw wɔn kyam

na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.

9 Wɔtew ayisaa fi nufu ano;

na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.

10 Wɔnenam adagyaw a wonni ntama;

wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.

11 Wokyi ngo wɔn adan mu;

wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.

12 Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu,

na apirafo kra su mmoa.

Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

13 "Ebinom a wɔsɔre tia hann no,

wɔn a wonnim nʼakwan

anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.

14 adekyee hann no a, owudifo no sɔre

na okum ohiani ne mmɔborɔni;

anadwo, mu owiawia ne ho ɔkorɔmfo.

15 Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri;

ɔka se, obiara renhu me,

na ɔde nʼanim hintaw.

16 Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu,

na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu;

wɔne hann nni hwee .

17 Sum kabii adekyee ma wɔn nyinaa;

wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.

18 "Nanso wɔte ahuru a ɛte nsu ani;

wɔadome wɔn kyɛfa asase no so,

enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.

19 Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan no,

saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne ne no.

20 Awotwaa werɛ fi wɔn,

na osunson di wɔn nam;

nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio

na mmom wobubu te dua.

21 Wɔde ɔbea bonin a onni ba hanam,

na wonhu akunafo mmɔbɔ.

22 Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo ;

ɛwɔ mu wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.

23 Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu,

nanso nʼani wɔn akwan so.

24 Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni bio;

wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano nnipa nyinaa;

wotwitwa wɔn gu te aburow ti.

25 "eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye

na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também