Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 16

Hiob Mmuae

1 Afei Hiob buae se,

2 "Mate nsɛm bebree a ɛte eyinom;

na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!

3 So mo kasa tenten no remma awiei ana?

Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?

4 Anka me nso metumi akasa mo,

mo na mowɔ me tebea yi mu a,

anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ atia mo

na mabu mo animtiaa.

5 Nanso anka mɛhyɛ mo den;

anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.

6 "Nanso mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase;

na mankasa nso a, ɛrennyae.

7 Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ

woasɛe me fi pasaa.

8 Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi;

me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.

9 Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me nʼabufuw mu

na ɔtwɛre ne se gu me so;

nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.

10 Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;

wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa

na wɔka wɔn ho mu de tia me.

11 Onyankopɔn de me ama abɔnefo

watow me ato amumɔyɛfo nsam.

12 Na biribiara yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;

osoo me kɔn mu, tow me hwee .

Ɔde me asi nʼani so;

13 nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,

ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ

maa me bɔnwoma petee fam.

14 Ɔba me so bere biara;

na ɔtow hyɛ me so ɔkofo.

15 "Mapam atweaatam akata me were so

na masie mʼanintɔn mfutuma mu.

16 Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;

sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,

17 nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara

na me mpaebɔ kann.

18 "Asase, nkata me mogya so;

na mma me sufrɛ to ntwa da!

19 Mprempren mpo, me danseni ɔsoro;

me kamafo soro .

20 Me dimafo mʼadamfo

bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;

21 ogyina onipa anan mu di ma no Onyankopɔn anim

sɛnea obi di ma nʼadamfo no.

22 "Mfe kakraa bi akyi

ansa na metu kwan akɔ koransan.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também