Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 40

1 Afei Awurade buaa Hiob se,

2 "Nea ɔne Otumfo no asɛm no bɛteɛ ne so ana?

Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!"

3 Na Hiob buaa Awurade se,

4 "Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae?

Mede me nsa mua mʼano.

5 Makasa baako, nanso minni mmuae

mprenu so, na merenkasa bio."

6 Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,

7 "Hyɛ wo ho den ɔbarima;

mebisa wo nsɛm,

na ɛsɛ wubua me.

8 "Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana?

Wubebu me de abu wo ho bem ana?

9 Wowɔ abasa te Onyankopɔn de,

na wo nne betumi abobɔ mu ne de ana?

10 Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho,

na fura nidi ne kɛseyɛ.

11 Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu,

hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,

12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam

na tiatia amumɔyɛfo so faako a wogyina .

13 Sie wɔn nyinaa mu mfutuma mu;

kata wɔn anim ɔda mu.

14 Na afei mʼankasa megye ato mu

wo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa.

15 "Hwɛ susono,

nea meyɛɛ no kaa wo ho

na ɔwe sare te nantwi.

16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ nʼasen mu

ne ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu!

17 Ne dua hinhim sida;

ne srɛ mu ntin peperee.

18 Ne nnompe te kɔbere mfrafrae dorobɛn,

nʼabasa ne ne nʼanan te nnade praban.

19 Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,

nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so.

20 Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no,

na wuram mmoa nyinaa goru bɛn .

21 Nsɔensɔe nnua ase na ɔda,

na dontori mu demmire akata no so.

22 Nsɔensɔe nwini no kata ne so;

na nsunoa nnua twa ne ho hyia.

23 Nsu nworoso nhaw no;

mpo Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw.

24 Obi betumi akyere no animono;

anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também