Pular para o conteúdo
Publicidade

Hiob 36

1 Elihu toaa ne kasa so se,

2 "Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo

aka bebree a ɛsɛ yɛka ma Onyankopɔn.

3 Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri;

mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee.

4 Munnye nto mu me nsɛm nokware turodoo;

na meyɛ obi a ne nimdeɛ so mo mu.

5 "Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa;

ɔkorɔn na osi pi ne botae mu.

6 Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu,

na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn.

7 Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so,

ɔma wɔne ahemfo di ade

na ɔma wɔn so afebɔɔ.

8 Na wɔde mpokyerɛ gu nnipa

na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a,

9 ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn

wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.

10 Ɔma wotie nteɛso

na ɔhyɛ wɔn wonnu wɔn ho wɔn bɔne ho.

11 wɔyɛ osetie na wɔsom no a,

wobedi yiye wɔn nna a aka no mu

na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.

12 Na wɔantie no a, wɔbɛyera afoa ano,

na wɔawuwu a wonni nimdeɛ.

13 "Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so;

mpo ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa.

14 Wowuwu wɔn mmabunmmere mu,

mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu.

15 Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn;

na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔn haw mu.

16 "Ɔregye wo afi ahohia mu

de wo akɔ beae a bae a ahokyere nni,

nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma.

17 Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so;

atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.

18 Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo;

mma adanmude kɛse bi ntwe wo.

19 Wʼahonya anaasɛ mpo

wʼahohia bebrebe nyinaa nti,

worenkɔ amanehunu mu ana?

20 Mpere anadwo ho,

ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu.

21 Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho,

nea ayɛ wopɛ sen amanehunu.

22 "Onyankopɔn ɔkɛse ne tumi mu.

Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ɔno?

23 Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no

anaa waka akyerɛ no se, Woayɛ mfomso.

24 Kae na kamfo nʼadwuma a

nnipa de nnwonto akamfo no.

25 Adesamma nyinaa ahu;

nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa.

26 Onyankopɔn ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so!

Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea.

27 "Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ,

ma ɛdan osu gu nsuten mu;

28 na omununkum obosu gu fam

na osu pete mmoroso gu adesamma so.

29 Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase,

sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no?

30 Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu ne ho

ma ɛkɔ po bun mu.

31 Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so

na ɔma aduan bu wɔn so.

32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma

na ɔhyɛ no ɛmpa nʼagyiraehyɛ.

33 Nʼaprannaa ahum a ɛreba no ho nkae;

na anantwi mpo ma wohu ɛreba.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também