Pular para o conteúdo
Publicidade

Irrepreensível

Por Bíblia Online

Ser irrepreensível não é ser perfeito — é viver com integridade diante de Deus e dos homens. A Bíblia nos chama a buscar uma vida reta, pura e sem manchas visíveis de hipocrisia.

O padrão divino

Deus é perfeito e chama seus filhos à integridade. A palavra de Deus é purificada e Ele é escudo dos que caminham na retidão.

"Onyankopɔn de, nʼakwan ;

Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.

Ɔyɛ nkatabo

ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ ne mu.

Onyankopɔn de, nʼakwan ;

Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.

Ɔyɛ nkatabo

ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ ne mu.

Awurade Mmara

Nhyira nka wɔn a wɔn akwan ,

na wɔnantew sɛnea Awurade mmara kyerɛ.

Nea ne ho nni asɛm

na ɔyɛ nea ɛteɛ,

nea ɔka nokware a efi ne koma mu

na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa

nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne

na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,

Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan ,

Buscar a perfeição em Cristo

Todos tropeçamos em muitas coisas, mas o alvo é a maturidade. Cristo é a fonte da salvação eterna para todos os que lhe obedecem.

Yɛn nyinaa taa mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso nea ɔka mu no a obetumi ahyɛ ne nipadua no so.

Nea Agya Onyankopɔn fa no ɛyɛ onyamesom pa no ni: Ɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase porɔwee ho.

Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sunsuma.

Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei,

Yesu ka kyerɛɛ no se, "wopɛ woyɛ a na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude ɔsoro. Afei bedi mʼakyi."

Vida íntegra

Que a vossa alegria seja completa! Vivam em harmonia, sejam irrepreensíveis — transformados pela renovação da mente.

Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ.

Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.

Monnyɛ mo ho wiasefo mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.

Asafo No Mpaapaemu

Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako.

Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

Kristo Ahobrɛase

Mo nkwa a mowɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana? ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ. Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.

Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ Yesu Kristo de no bi.

Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,

nanso wanhwɛ ne ho ɔne Onyankopɔn bɛyɛ .

Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.

Mmom, ofii ne mu faa akoa tebea de too ne ho so,

baa onipa bɛyɛɛ nʼade onipa.

Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ osetie

de koduu owu mu,

asennua ho wu mu mpo.

Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa,

maa no din a edi din nyinaa so.

Na ɛno nti wɔbɔ Yesu din a,

ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.

Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,

Yesu Kristo ne Awurade,

de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Nkwagye Ho Adwumayɛ

Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.

Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma no. Ɛsɛ mohyerɛn wɔn mu nsoromma a ɛwɔ soro nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa. Ebia na ɛsɛ wohwie me mogya gu afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no. Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no.

Wɔsoma Timoteo Ne Epafrodito.

Anidaso a mewɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. Obiara ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. Mo ankasa mudi ho adanse dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso , ɔne me te ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma. mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.

Mʼadwene ho , mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo mo somafo de aboa me no mo nkyɛn. Ne ho pere no obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso motee ne nka ɔyare. Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow. Me ho peree me yiye mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa. Momfa ahosɛpɛw nnye no onua Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte ɔno nyinaa, efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

Monhwɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.

Nanso onim ɔkwan a menam so;

na ɔsɔ me hwɛ a mepue sikakɔkɔɔ.

Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;

na manantew nʼakwan so a mamman.

Seja o primeiro