Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebreus 5

1 Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn. 2 Esiane nʼankasa mmerɛw akwan ahorow pii so no nti, otumi ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no. 3 Ne mmerɛwyɛ nti, ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛsɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforo nso. 4 Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam5.4 Kristo bere so no, na Ɔsɔfopanyin dibea no da abusuakuw bi mu. ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no.

5 Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so ɔyɛ Ɔsɔfopanyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,

"Woyɛ me Ba;

nnɛ, mayɛ wʼAgya."

6 Ɔsan kaa baabi foforo se,

"Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa

sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no."

7 Yesu baa ɔhonam mu asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de nʼabisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no. 8 Ɛwɔ mu na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase. 9 Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei, 10 na Onyankopɔn ada no adi ɔyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.

11 Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ den, efisɛ mo ntease den. 12 Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfiase. Anka ɛsɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den, nanso nufusu na eye ma mo. 13 Obiara a nufusu ye ma no no da so akokoaa a onnim nea eye ne nea enye. 14 Aduan a ɛyɛ den ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn na wɔahu nsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam no.

Veja também