Pular para o conteúdo
Publicidade

O juízo final

Por Bíblia Online

O juízo final é a conclusão da história humana. Todos os seres humanos comparecerão diante do trono de Deus para o julgamento eterno — os salvos para a vida, os ímpios para a condenação.

O grande trono branco

Vi um grande trono branco e os mortos diante de Deus. Os livros foram abertos e cada um foi julgado segundo as suas obras.

Atemmuo A Ɛtwa Toɔ

Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio. Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ nwoma ahodoɔ no mu no. Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na wɔtoo owuo ne asaman guu ogya tadeɛ no mu. Saa ogya tadeɛ yi ne owuprenu no. Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.

Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ.

Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ. Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.

"Megu so rehwɛ no,

"mehunuu , wɔde nhennwa bɛsisii ,

na Deɛ ɔwɔ firi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatadeɛ fitaa sukyerɛmma;

na ne tirinwi hoa odwan nwi.

Nʼahennwa dɛre ogyaframa

na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.

"Megu so rehwɛ no,

"mehunuu , wɔde nhennwa bɛsisii ,

na Deɛ ɔwɔ firi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatadeɛ fitaa sukyerɛmma;

na ne tirinwi hoa odwan nwi.

Nʼahennwa dɛre ogyaframa

na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.

Na ogya a ɛte asubɔnten

tene firii nʼanim baeɛ.

Abɔfoɔ mpempem kotoo no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Abadwafoɔ no tenaa ase,

na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.

Nnipadɔm a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu. Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn nsoromma daapem.

Preparação para o juízo

Deus estabeleceu um dia para julgar o mundo com justiça. Arrependei-vos, porque o juízo se aproxima e cada palavra será pesada.

Ɛfiri , wayi da bi ato a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa."

Mereka makyerɛ mo , Atemmuo da no, asɛnhunu biara a obi aka no, ɔbɛbu ho akonta. Wʼanomu asɛm so na wɔnam bɛbu wo bem anaa ɛfɔ".

Atemmuo Da No

"Na Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu; na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.

Atemmuo Da No

"Na Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu; na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.

"Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no , Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni! Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie. Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.

"Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa , Owura, da bɛn na yɛhunuu wo ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? Afei, da bɛn na yɛhunuu woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma? Afei, da bɛn na yɛhunuu woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?

"Na Ɔhene no, bɛbua wɔn , moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!

"Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn , Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.

"Wɔn nso bɛbua no , Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ yɛyɛ amma wo?

"Na mɛbua wɔn , moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.

"Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu."

Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,

deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,

ɛyɛ papa anaa bɔne.

Medwenee mʼakomam ,

"Onyankopɔn bɛbu

teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn,

ɛfiri adwuma biara bɛnya ne berɛ,

adeyɛ biara ne ne berɛ."

"Ɛno enti, Israel efie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfiri mo mmaratoɔ nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehweɛ mu bio. Monto mfomsoɔ a moayɛ nyinaa ngu na moanya akoma foforɔ ne honhom foforɔ. Adɛn enti na ɛsɛ mowuo, Ao Israel efie? Mʼani nnye obiara owuo ho, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Monsakra mo adwene na moanya nkwa!

Segurança em Cristo

Quem crê no Filho tem a vida eterna e não entra em juízo. O amor de Deus é nosso refúgio diante do juízo vindouro.

"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

"Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no , ɔmmɛgye ewiase nkwa. Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri , wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni. Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne : Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri , wɔn nneyɛeɛ nyinaa bɔne.

Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo mɛkɔ, ɛfiri , mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn. Nanso, mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo. Deɛ wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri , wɔnnye me nni. Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri , merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio. Saa ara na deɛ wɔka fa atemmuo ho no nso nyɛ nokorɛ, ɛfiri , wɔabu ewiase yi ɔtemmufoɔ no atɛn dada.

Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn a ɔde yɛn no di.

Onyankopɔn ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Ɛsɛ ɔdɔ yɛn mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya akokoɔduru Atemmuo da no. Na yɛbɛnya saa akokoɔduru no nso, ɛfiri , yɛn abrabɔ ewiase ha no te Kristo deɛ . Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ ɔdɔ mu.

Ɛfiri , ɛsɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma ɔbu yɛn atɛn. Sɛdeɛ obiara tenaa ase onipadua no abrabɔ mu no, ɛyɛ papa anaa bɔne na wɔbɛgyina so abu no atɛn.

Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ , ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.

Ɛsɛ obiara wu prɛko , na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako de gyee dodoɔ no ara wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

Ɛfiri ,

Atwerɛsɛm no ka , "Ɛrenkyɛre koraa

na deɛ ɛsɛ ɔba no aba;

ɔrentwentwɛn.

Na,

"Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,

na ɔtwe ne ho a,

me kra ani rensɔ no."

Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.

Ɛno enti, ɛnsɛ yɛdeda afoforɔ no. Ɛsɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã. Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ dadeɛ kyɛ. Onyankopɔn anyi yɛn yɛmmɛhunu amane nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn yɛbɛnya nkwagyeɛ Awurade Yesu Kristo mu.

wɔbɛto dwom Awurade anim, ɛfiri ɔreba,

ɔreba abɛbu asase no atɛn.

Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn

na woabu nnipa nso atɛn ne nokorɛ mu.

Seja o primeiro

Este artigo te tocou? Faça uma oração!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.