Pular para o conteúdo
Publicidade

Adiyisɛm 18

Babilonia Asehweɛ

1 Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa. 2 Ɔteaam dendeenden ,

" Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!

Adane ahonhommɔne tenaberɛ

ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ.

Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu.

3 Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a

ano den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ.

Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman,

na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho."

4 Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka ,

"Momfiri, me nkurɔfoɔ,

na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu,

na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!

5 Ɛfiri , wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro,

na Onyankopɔn akae nʼawudie no.

6 Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;

deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu.

Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano den mmɔho mmienu.

7 Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso

animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no.

Ɛfiri , daa ɔka ,

Mete ha ɔhemmaa;

menyɛ okunafoɔ,

na me werɛ renho da!

8 Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ

awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi.

Na wɔde ogya ahye no,

ɛfiri , Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no kɛseɛ.

9 "asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ. 10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu ,

" Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ,

Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi!

Dɔnhwere baako mu, wʼatemmuo aba.

11 "Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri , obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa, 13 ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.

14 "Adwadifoɔ no bɛka , Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no , na wo nsa renka bio.15 Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri , wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ, 16 na wɔaka :

" Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a

ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ,

na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu.

17 Dɔnhwere , na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.

"Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. 18 Wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ " 19 Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ ,

" Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ,

wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wo mu no

nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ.

Na dɔnhwereɛ baako mu, wɔahwere biribiara!

20 "Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!

Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne

adiyifoɔ mo ani nnye!

Ɛkwan a ɔde mo faa so enti,

Onyankopɔn abu no atɛn."

21 Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa ,

"Saa ahoɔden yi ara

na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene,

a wɔrenhunu no bio.

22 Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio mo mu.

Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wo mu bio.

Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wo mu bio.

23 Kanea hann

renhyerɛn wo mu bio.

Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere

nne wo mu bio.

Wʼadwadifoɔ ewiase mu nnipa titire.

Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.

24 ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ

ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também