Pular para o conteúdo
Publicidade

Adiyisɛm 10

Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ Aba Mu

1 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn ne ti. Na nʼanim te owia, na ne nan te ogya fadum. 2 Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so. 3 Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ. 4 Wɔkasaeɛ , na mepɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa , "Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!"

5 Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu ɔgyina a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6 na ɔde Onyankopɔn a ɔte daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa , "Ɛberɛ sɛeɛ biara nni . 7 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no."

8 Afei, nne a metee ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio . "na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no."

9 Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me , "Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ te ɛwoɔ." 10 Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ te ɛwoɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me. 11 Afei, wɔka kyerɛɛ me , "so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também