Pular para o conteúdo
Publicidade

Livro da vida

Por Bíblia Online

O Livro da Vida é o registro celestial dos nomes daqueles que pertencem a Deus. Estar escrito no Livro da Vida é a garantia da salvação eterna e da entrada na Nova Jerusalém.

Registrados no céu

Alegrai-vos por terem vossos nomes escritos nos céus. O Livro da Vida pertence ao Cordeiro de Deus desde a fundação do mundo.

Nanso mommma mo ani nnye ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye wɔakyerɛw mo din ɔsoro."

Na wo nso a woka me ho a migye wo di no mepɛ woboa saa mmea yi, efisɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho.

Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wɔankyerɛw ne din anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguamma a wokum no ansa na wɔrebɔ wiase no mu.

Aboa a wuhuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no hu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Na ɔte ase bere bi, nanso mprempren de, ɔnte ase na ɔbɛsan aba.

O juízo final

No dia do julgamento, os livros serão abertos. Quem não for encontrado no Livro da Vida será lançado no lago de fogo.

Atemmu A Etwa To

Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee nʼanim, na wɔanhu wɔn bio. Na mihuu awufo akɛse ne nketewa wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw nhoma ahorow no mu no. Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu.

Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.

Awiei Mmere

"Saa bere no, Mikael, ɔhene babarima titiriw a ɔbɔ wo nkurɔfo ho ban no bɛsɔre. Ahohia bere bi bɛba a, efi aman no mfiase besi saa da no, biribi a ɛte saa nsii da. Nanso saa bere no, wo nkurɔfo no mu biara a wobehu wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no, wobegye no nkwa. Nnipadɔm a wɔadeda fam dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu.

Nea obedi nkonim no bɛhyɛ atade fitaa wɔn ara, na merentwa ne din mfi ateasefo nhoma no mu da. Na mɛda ne din adi mʼAgya no ne nʼabɔfo anim ɔyɛ me dea.

O registro divino

Deus registra cada vida, cada lágrima e cada momento. Nada passa despercebido diante daquele que tudo vê e tudo guarda.

wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.

Nna dodow a woatwa ama me no,

wɔakyerɛw ne nyinaa wo nhoma mu

ansa na mu baako reba mu.

Kyerɛw me kwadwom to ;

sese me nusu wo nhoma mmobɔwee no mu.

Enni nea woakyerɛw ato no mu ana?

Wɔtaa wɔn a wupira wɔn no,

wɔka wɔn a wupira wɔn no yawdi ho asɛm.

Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo wɔn;

mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa.

Pepa wɔn din fi nkwa nhoma no mu,

mfa wɔn din nka atreneefo de ho.

Na wɔn a wosuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasae, na Awurade tiei, na ogyee wɔn so. Wɔn a wosuro Awurade na wodi ne din ni no, wɔkyerɛw wɔn din nhoma mmobɔwee so nʼanim de yɛɛ nkae ade.

Enti meredi ama wɔn , fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu."

Awurade buaa Mose se, "Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu.

Seja o primeiro