Mãe
A mãe é honrada na Bíblia como pilar da família. Seu amor incondicional, sua sabedoria e sua dedicação são celebrados como reflexo do próprio amor de Deus por seus filhos.
O amor de mãe
Pode uma mãe esquecer-se do filho do seu ventre? Ainda que ela se esquecesse, Deus nunca nos abandona. O amor materno reflete o divino.
Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no
saa ara na mɛkyekye mo werɛ;
na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem."
Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.
Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,
na wɔnante nʼakwan so.
Wobɛdi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.
Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ. Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.
Sabedoria e instrução
A mãe sábia instrui os filhos nos caminhos de Deus. Seu ensino é lei que guia e sua disciplina é expressão de amor verdadeiro.
Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire
ne wo kɔn mu ntweaban.
Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,
na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,
na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.
Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye
nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.
Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte.
Honrar a mãe
Honra teu pai e tua mãe. A mulher virtuosa é digna de louvor — seus filhos se levantam e a chamam bem-aventurada.
Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.
Mma Ne Awofoɔ
Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ. "Di wʼagya ne wo maame ni," yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho, "na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so."
Awieeɛ: Ɔyere A Ɔsom Bo
Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?
Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.
Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam;
na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
Ɔkasa nyansa mu,
na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so
na ɔnnyegye aniha so.
Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;
ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,
"Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin,
na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa."
Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so;
nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.
Este artigo te tocou? Faça uma oração!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.