Pular para o conteúdo
Publicidade

Nahum 2

Ninewe Asehweɛ

1 Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe

aban no ho ban,

wɛn ɛkwan no,

wo ho so

na boa wʼahoɔden nyinaa ano!

2 Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no

te Israel deɛ no,

ɛwom , asɛefoɔ no ama ada mpan

na wɔasɛe ne bobe mfuo.

3 Asraafoɔ no akokyɛm kɔkɔɔ;

akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ.

Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no

twa nyinam nyinam da a wɔyɛeɛ no;

mpea a wapoma nnua so no rehim.

4 Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so,

na wɔdi akɔneaba.

Wɔte ogyatɛn a ɛrederɛ;

wɔbɔ yerɛdɛ te anyinam.

5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu

nanso wɔsuntisunti ɛkwan mu.

Wɔde mmirika kuropɔn no afasuo ho;

na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.

6 Wɔbuebue asubɔnten apono no,

na ahemfie no dwiri gu fam.

7 Wɔhyɛ mmaraden

wɔmfa kuropɔn no nnommum

na wɔmfa wɔn nkɔ.

Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so

su te mmorɔnoma.

8 Ninewe te ɔtadeɛ a

emu nsuo resene korɔ.

Woteam , "Monnyina ! Monnyina !"

Nanso, obiara ansane nʼakyi.

9 Momfom dwetɛ no!

Momfom sikakɔkɔɔ no!

Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa!

Na ahonyadeɛ no dɔɔso.

10 Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa!

Akoma boto, na nkotodwe woso woso,

nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.

11 Seesei ɛhe na gyatabuo no ,

baabi a wɔma wɔn mma aduane no,

baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ

na wɔn mma nso a wɔnsuro?

12 Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma.

Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no.

Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma

na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.

13 "Me ne wo nnka,"

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,

"Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie

na akofena bɛkunkum wʼagyata mma.

Merennya wo ahaboa biara asase so.

Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Naum
Ver todos os capítulos de Naum