Pular para o conteúdo
Publicidade

Nahum 3

Ninewe Nnome

1 Nnome nka mogya kuropɔn

a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma

na amanehunufoɔ mmpa mu da!

2 Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye,

nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi

Apɔnkɔ rehurihuri

ne nteaseɛnam redenkye denkye.

3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko wɔn anim

akofena twa nyinam nyinam

na mpea nso pa yerɛ yerɛ.

Atɔfoɔ bebree,

awufoɔ a ebi deda ebi soɔ,

afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ

a nnipa tiatia soɔ.

4 Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ,

ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no.

Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman

na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.

5 "Me ne wo nnka," sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,

"Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro.

Mɛma amanaman ahunu wʼadagya

na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.

6 Mede efi bɛfɔre wo ho,

mɛbu wo animtia

na mama nnipa ahwɛ wo.

7 Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka ,

Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?

Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?"

8 Woyɛ sene Tebes a

ɛda Asubɔnten Nil ho a

nsuo atwa he ho ahyia anaa?

Asubɔnten ne ho ban

na nsuo ne fasuo.

9 Kus ne Misraim ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn.

Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.

10 Nanso wɔfaa no dommum

twaa no asuo.

Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam

ma wɔtetee mmɔntene so.

Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto,

na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

11 Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya ɔsabofoɔ

Na wo bɛhinta wo ho

de akɔpɛ dwanekɔbea atamfoɔ nkyɛn.

12 Wʼaban nyinaa te borɔdɔma nnua

a aso aba foforɔ:

wɔwoso a

aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.

13 Hwɛ wʼakofoɔ

wɔn nyinaa mmaa!

Wʼasase so apono ano deda ma wʼatamfoɔ;

ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.

14 Sesa nsuo sie ma otua no.

Yere wo banbɔ mu!

dɔteɛ no

na siesie ntayaa a wato no!

15 Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ;

akofena bɛtwa wo ahwe fam,

na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam.

Mo nnɔre mmɛbɛ anaa ntutummɛ!

16 Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,

wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,

nanso wɔte ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa

na afei wɔtu .

17 Wʼawɛmfoɔ te ntutummɛ.

Wʼadwumayɛfoɔ te ntutummɛ akuo

a wɔsensam ban ho awɔ da.

Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu ,

na obi nnim faako a wɔkɔ.

18 Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko.

Wʼanimuonyamfoɔ deda rehome.

Wo nkurɔfoɔ abɔ apete mmepɔ no so

a wɔnni anoboaboafoɔ.

19 Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no;

wo pira no mu den.

Obiara a ɔte wo nka no

ne nsam wʼasehweɛ ho,

Na hwan koraa na wommɔɔ

no atirimuɔden da?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Naum
Ver todos os capítulos de Naum