Pular para o conteúdo
Publicidade

Habakuk 1

1 Yei ne asɛm a odiyifoɔ Habakuk nya firii Awurade nkyɛn anisoadehunu mu.

Habakuk Anwiinwii

2 Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn,

a nso wontie me?

Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti,

nanso womma mmɛgye me.

3 Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea?

Adɛn enti na wotena bɔne ho?

Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim,

basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.

4 Enti, mmara nyɛ adwuma

na atɛntenenee nni baabiara,

atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ,

enti wɔkyea atemmuo.

Awurade Mmuaeɛ

5 "Momma ɛnyɛ mo nwanwa,

na mo ho nnwiri mo!

Merebɛyɛ biribi mo berɛ so,

na obi ka kyerɛ mo a,

morennye nni.

6 Mema Babiloniafoɔ asɔre,

ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ;

wɔbufa asase nyinaa so,

na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea.

7 Wɔn ho hu na nnipa suro wɔn;

wɔyɛ wɔn bo so adeɛ,

de animuonyam ma wɔn ho.

8 Wɔn apɔnkɔ ho herɛ sene asebɔ,

na wɔn ho hu sene pataku a ɔnam anadwo,

wɔn apɔnkɔsotefoɔ wɔn anim mmarima so,

wɔfiri akyirikyiri nsase so,

na wɔto hoo akroma a ɔrekɔkye aboa.

9 Wɔn nyinaa ba wɔrebɛyɛ basabasayɛ.

Wɔn dɔm pem wɔn anim te anweatam so mframa,

na wɔtase nneduafoɔ anwea.

10 Wɔmmmu ahene,

wɔdi aman sodifoɔ ho fɛw,

na wɔtwee nkuropɔn ho banbɔ denden.

Wɔsisi dɔteɛ epie nam so kyekyere atamfoɔ.

11 Wɔbɔ hoo te mframa wɔn anim.

Afɔdifoɔ a wɔn ahoɔden wɔn nyame."

Habakuk Nwiinwii Bio

12 Ao, Awurade, wonni firi tete anaa?

Me Onyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa.

Ao, Awurade, woapa wɔn wɔmmu atɛn;

Ao Ɔbotantim, woahyɛ wɔn wɔntwe aso.

13 Wʼaniwa kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne;

wonnyegye bɔne so.

Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so,

na ɛdeɛn enti na wayɛ komm ɛberɛ a

atirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ?

14 Woama nnipa ayɛ nsuomnam a ɛwɔ ɛpo mu,

te abɔdeɛ a ɛwɔ ɛpo mu a wonni sodifoɔ.

15 Ɔtamfoɔ tirimuɔdenfoɔ no de darewa yi wɔn,

ɔgu nʼasau de buma wɔn,

na afei ɔsɛpɛ ne ho ma nʼani gye.

16 Ne saa enti ɔbɔ afɔdeɛ ma nʼasau

na wahye aduhwam ama no,

ɛfiri asau yi so na ɔnam nya ateyie,

na ɔdi nʼakɔnnɔ aduane.

17 Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam,

na ɔmfa atirimuɔden nsɛe aman anaa?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Habacuque
Ver todos os capítulos de Habacuque