Publicidade

Naum 1

1 Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.

Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe

2 Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn,

Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma.

Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ

na nʼabufuo tena wɔn so.

3 Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,

na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.

Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,

omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

4 Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;

ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.

Basan ne Karmel twintwam

na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.

5 Mmepɔ woso biribiri nʼanim

na nkokoɔ nane.

Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa

woso nʼanim.

6 Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?

Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?

Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;

abotan yam wɔ nʼanim.

7 Awurade yɛ,

ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.

Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.

8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so

bɛma Ninewe aba awieeɛ.

Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.

9 Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no,

ɔbɛsɛe no;

ɔhaw biara remma ne mprenu so.

10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,

na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no

wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.

11 Ao, Ninewe, wo mu na

deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade

na ɔtu fo bɔne no firie.

12 Deɛ Awurade seɛ nie:

"Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ,

nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.

Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so,

nanso merenyɛ saa bio.

13 Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu

na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu."

14 Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:

"Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so.

Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo

a ɛsisi wʼabosonnan mu no.

Mɛsiesie wʼadamena

ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ."

15 Hwɛ mmepɔ no so,

deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn

ɔno na ɔka asomdwoesɛm!

Ao, Yuda di wʼafahyɛ na

di wɔ bɔhyɛ so.

Nnipa bɔne rentu wo so sa bio;

Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

Veja também

Publicidade
Naum
Ver todos os capítulos de Naum
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_09-43-29-