Maria
Maria, mãe de Jesus, é honrada nas Escrituras como a mulher escolhida por Deus para trazer ao mundo o Salvador. Sua fé, humildade e obediência são exemplo para todos os cristãos.
A escolhida de Deus
O anjo Gabriel anunciou a Maria que ela seria mãe do Filho do Altíssimo. Ela respondeu com fé: 'Faça-se em mim segundo a tua palavra.'
Yesu Awo Ho Nkɔmhyɛ
Elisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase se, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn. Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, "Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo."
Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, "Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo. Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da."
Yesu Awo
Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron.
O Magnificat
Maria cantou: 'Minha alma engrandece ao Senhor!' Seu cântico exalta a misericórdia, o poder e a fidelidade de Deus.
Maria Ayeyi Dwom
Maria kae se,
"Me kra kamfo Awurade.
Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;
efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ,
na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.
Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;
nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso
ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.
Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no
abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.
Watu abirɛmpɔn ade so
ama ahobrɛasefo so.
Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa
na wagya ahonyafo kwan nsapan.
Waboa nʼakoa Israel
na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da."
Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho.
Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, "Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu."
Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, "Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ."
Yesu buaa wɔn se, "Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?" Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase.
Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim.
Mãe fiel até o fim
Maria acompanhou Jesus desde o nascimento até a cruz. Ela estava entre os discípulos no Pentecostes, fiel em oração.
Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Wɔn nsa a wɔrenom no asa."
Yesu ka kyerɛɛ ne na se, "Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui."
Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, "Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ."
Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, "Ɔbea, wo ba ni." Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, "Wo na ni." Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.
Yesu Na Ne Ne Nuanom
Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, "Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa."
Yesu bisaa wɔn se, "Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?"
Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, "Eyinom ne me na ne me nuanom! Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na."
Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?"
Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te sɛ Yesu ne na Maria ne Yesu nuabarimanom hyia bɔ mpae.