Pular para o conteúdo
Publicidade

Atos 1

Asafo No Mfiase

1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nhoma a edi kan a mekyerɛw wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ 2 kosi bere a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafo no. 3 Ne wusɔre akyi no, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafo no de kyerɛɛ wɔn se, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. 4 Da bi a ɔne wɔn redidi no ɔhyɛɛ wɔn se, "Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a mʼAgya ahyɛ mo ho a maka ho asɛm akyerɛ mo no. 5 Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu."

Yesu Sorokɔ

6 Asuafo no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wobisaa no se, "Awurade, bere yi mu na wode ahenni no bɛba Israel ana?"

7 Yesu buaa wɔn se, "Ɛho nhia mubehu bere a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato no. 8 Na Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano."

9 Ɔkasa wiee no asuafo no huu no ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio.

10 Wogu so rehwɛ wim no, amono mu ara mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa begyinaa wɔn nkyɛn, 11 kae se, "Mo mmarima a mufi Galilea, adɛn nti na mugyina ha rehwɛ wim? Yesu a wɔafa no afi mo nkyɛn ɔsoro no, sɛnea osi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsan aba."

Woyi Matia Yuda Nanmusin

12 Eyi akyi no, asuafo no fii Ngo Bepɔw no so baa Yerusalem. Efi Ngo Bepɔw no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. 13 Woduu no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aban a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ no ne:

Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;

Filipo, Toma,

Bartolomeo, Mateo,

Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

14 Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te Yesu ne na Maria ne Yesu nuabarimanom hyia mpae.

15 Nna kakraa bi akyi no gyidifo no a wɔn dodow bɛyɛ ɔha aduonu no hyiae na Petro sɔre kasae se: 16 Me nuanom, ɛsɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho ɔsom no mu.

18 (Sika a Yuda nya fii ade bɔne a ɔyɛe no mu no, wɔde tɔɔ asase faako a owui . Ɔtew bɛhwee fam ma ne mu pae maa ne nsono tu guu so. 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm no, wɔtoo asase no din wɔn ankasa kasa mu se Hekeldama a nkyerɛase ne, Mogya Asase.)

20 Petro toaa so kae se, "Wɔakyerɛw Dawid nhoma mu se,

" Ne fi nyɛ amamfo,

na ɔfoforo nsi nʼanan mu.

21 Enti ɛsɛ yeyi nnipa a yɛne wɔn nantew bere a na Yesu ne yɛn di akɔneaba no nyinaa, 22 fi Yohane asubɔ adwuma no so de kosi bere a wɔfaa Yesu fii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, efisɛ ɛsɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔre no ho adanse."

23 Woyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba,1.23 Ase ne "Homeda babarima." Saa din yi yɛ Yudafo Kristofo adikanfo baanu bi din. Wɔn mu baako ne Yosef. Nea ɔto so abien ne Yuda a na ɔyɛ odiyifo wɔ Yerusalem. Ɔne Sila na wɔsomaa wɔn kɔɔ Antiokia. (15.22,32). na wɔtaa frɛ no Yusto nso. Nea na ɔka ho no nso din de Matia. 24 Afei asuafo no bɔɔ mpae se, "Awurade, wunim obiara koma mu. Ɛno nti kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu nea woayi no 25 ommesi Yuda a wanya ne baabi no anan mu mmɛyɛ asomafodwuma no." 26 Afei asuafo no bɔɔ wɔn so ntonto maa esii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafo dubaako no ho.

Veja também