Maria
Maria, mãe de Jesus, é honrada nas Escrituras como a mulher escolhida por Deus para trazer ao mundo o Salvador. Sua fé, humildade e obediência são exemplo para todos os cristãos.
A escolhida de Deus
O anjo Gabriel anunciou a Maria que ela seria mãe do Filho do Altíssimo. Ela respondeu com fé: 'Faça-se em mim segundo a tua palavra.'
Yesu Awoɔ Ho Nkɔmhyɛ
Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn. Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo."
Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, "Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo. Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no. Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da."
Yesu Awoɔ
Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron.
O Magnificat
Maria cantou: 'Minha alma engrandece ao Senhor!' Seu cântico exalta a misericórdia, o poder e a fidelidade de Deus.
Maria Ayɛyie Dwom
Maria kaa sɛ,
"Me ɔkra kamfo Awurade.
Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;
ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ,
na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.
Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;
nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ
ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.
Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no
abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.
Watu aberempɔn adeɛ so
ama ahobrɛasefoɔ so.
Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa
na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.
Waboa nʼakoa Israel
na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da."
Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ. Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho.
Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, "Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu."
Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa. Ne maame frɛɛ no bisaa no sɛ, "Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ."
Yesu buaa wɔn sɛ, "Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?" Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.
Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim.
Mãe fiel até o fim
Maria acompanhou Jesus desde o nascimento até a cruz. Ela estava entre os discípulos no Pentecostes, fiel em oração.
Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Wɔn nsã a wɔrenom no asa."
Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ."
Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, "Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɛ no, monyɛ."
Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, "Ɔbaa, wo ba nie." Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, "Wo maame nie." Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
Yesu Maame Ne Ne Nuanom
Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa."
Yesu bisaa wɔn sɛ, "Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?"
Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, "Yeinom ne me maame ne me nuanom! Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame."
Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?"
Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ.
Este artigo te tocou? Faça uma oração!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.