Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 21

Dawid Kan Nnipa

1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ. 2 Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene , "Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodoɔ mmrɛ me, na ɛmma menhunu wɔn ano."

3 Na Yoab kaa , "Awurade mmɔ ne nkurɔfoɔ no dodoɔ ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn enti na wopɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfoɔ anaa? Adɛn enti na ɛsɛ woyɛ ma Israel bɔne?"

4 Nanso, ɔhene no kaa , deɛ ɛteɛ biara ɛsɛ Yoab kan nnipa no. Enti, Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kanee nnipa no. Na ɔsane baa Yerusalem 5 bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa Israel ne ɔpehanan aduɔson Yuda.

6 Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri , na deɛ ɔhene ahyɛ no ɔnyɛ no no ahomete.

Dawid Bɔne Ho Atemmuo

7 Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso ho. 8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn , "Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me."

9 Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie: 10 "na kɔka kyerɛ Dawid , Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ "

11 Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa , "Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie: 12 Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade."

13 Dawid buaa Gad , "Yei ahohiahiasɛm. Ma ɛmfiri Awurade nsam, ɛfiri , nʼahummɔborɔ so. Mma ɛmfiri onipa nsam."

14 Na Awurade maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa ɔpeduɔson wuwuiɛ. 15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfoɔ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na ɔsoro ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa asɛe no no, Awurade nyaa ahummɔborɔ ka kyerɛɛ owuo soro ɔbɔfoɔ no , "Gyae! Ɛno ara dɔɔso!" Saa ɛberɛ no na ɔsoro ɔbɔfoɔ no gyina Yebusini Arauna ayuporobea .

16 Dawid pagyaa nʼani hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu .

17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn , "Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ."

Dawid Si Afɔrebukyia

18 Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade Yebusini Arauna ayuporobea . 19 Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20 Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no . Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho no dwane kɔtetɛeɛ. 21 Ɛberɛ a Arauna hunuu ɔhene Dawid reba ayuporobea no, ɔfiri kɔkotoo nʼanim.

22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna , "Tɔn ayuporobea yi ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ. Na mɛsi afɔrebukyia ama Awurade sɛdeɛ ɔbɛsi ɔyaredɔm no ano."

23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid , "Fa, me wura, na fa deɛ wopɛ. Anantwie a wode bɛbɔ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporobea nnua yi ayɛ anyina de asɔ ogya afɔrebukyia no so. Fa atokoɔ no nso atokoɔ afɔdeɛ. Mede ne nyinaa bɛma wo."

24 Na ɔhene no buaa Arauna , "Dabi! Mepɛ metua deɛ ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapadeɛ mfa mma Awurade. Meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a memmɔɔ ho ka."

25 Enti, Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram nson maa Arauna, de tɔɔ ayuporobea no. 26 Dawid sii afɔrebukyia maa Awurade, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ so. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, nam so de ogya firi soro bɛhyee afɔrebɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no.

27 Afei, Awurade kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no maa ɔsane de nʼakofena no hyɛɛ ne bɔha mu. 28 Ɛberɛ a Dawid hunuu Awurade atie ne mpaeɛbɔ no, ɔbɔɔ afɔdeɛ pii Yebusini Arauna ayuporobea . 29 Saa ɛberɛ no na Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ne afɔrebukyia a Mose sii ɛserɛ so no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea . 30 Nanso, Dawid antumi ankɔ ankɔbisa Onyankopɔn ase, ɛfiri , akofena a Awurade ɔbɔfoɔ no tweeɛ no bɔɔ no hu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também