Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 26

Apono Ano Ahwɛfoɔ Nnwuma

1 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo:

Korafoɔ mu no:

yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu. 2 Meselemia mmammarima :

Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu,

Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.

3 Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia,

ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.

4 Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ :

Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu,

Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan,

Netanel a ɔtɔ so enum, 5 Amiel a ɔtɔ so nsia,

Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe.

Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.

6 Na Obed-Edom babarima Semaia mmammarima a wɔtumi adeɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi abusua no mu. 7 Na wɔn edin ne:

Otni, Refael, Obed ne Elsabad;

na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso mmɔdemmɔfoɔ.

8 Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ aduosia mmienu (62) no nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.

9 Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso wɔn ho mmɔden yie.

10 Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no ntuanoni, ne mmammarima mu.

11 Na ne mmammarima no bi ne:

Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa

ne Sakaria so ɛnan.

Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ dumiɛnsa (13).

12 Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no. 13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.

14 Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa.

Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.

15 Anafoɔ ɛpono26.15 Anafoɔ pono. Dawid ne Salomo ahemfie no na ɛwɔ asɔredan no anafoɔ fam. Saa anafoɔ pono no mu na na ɔhene no fa. Saa ɔpono yi anohwɛ dwumadie no yɛ animuonyamhyɛdeɛ ma Obed Edom. (26.4-6; Hes 46.1-10) no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.

16 Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.

Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.

17 Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia apueeɛ ɛpono no ho,

baanan atifi ɛpono no ho,

baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho,

na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.

18 Ɛda biara, na wɔma baasia atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ .

19 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

Fotosanfoɔ Ne Adwumayɛfoɔ Nkaeɛ

20 Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.

21 Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano. 22 Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.

23 Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.

24 Amram abusua mu, Sebuel Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so. 25 Wɔn a wɔnam Elieser so nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.

26 Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no. 27 Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie. 28 Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.

29 Yishar abusua mu na Kenania firi.

Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ Israelman mu nyinaa.

30 Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa wɔn asɛdeɛ. 31 Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni.

(Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden Hebron abusua no mu din kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu. 32 Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa wɔn asɛdeɛ.)

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também