Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 15

Wɔde Apam Adaka No Ba Yerusalem

1 Afei, Dawid sisii adan bebree Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi. 2 Afei, ɔhyɛɛ , "yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn , wɔn nko ara na ɛsɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom nʼanim daa daa."

3 Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no.

4 Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no:

5 Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ ɔha aduonu a Uriel wɔn ntuanoni.

6 Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no, na wɔn dodoɔ ahanu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano.

7 Wɔn a wɔfiri Gersom abusua mu no, na wɔn dodoɔ ɔha ne aduasa (130), a Yoɛl da wɔn ano.

8 Na Elisafan asefoɔ ahanu (200) a Semaia da wɔn ano.

9 Na Hebron asefoɔ aduɔwɔtwe (80) a Eliel wɔn ntuanoni.

10 Na Usiel asefoɔ ɔha ne dumienu (112) a Aminadab wɔn ntuanoni.

11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no. 13 Esiane , kane no, mo Lewifoɔ ansoa Apam Adaka no enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, abufuo sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɛkwan pa a ɛsɛ yɛfa so soa." 14 Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 15 Na Lewifoɔ no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

16 Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso , wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom.

17 Na Lewifoɔ no yii Yoɛl babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wɔfiri Merari abusua mu, ma wɔdii nnwomtofoɔ no anim. 18 Wɔyii saa mmarima yi wɔn aboafoɔ: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apono ano ahwɛfoɔ Obed-Edom ne Yeiel.

19 Wɔyii Heman, Asaf ne Etan wɔmmɔ kɔbere mfrafraeɛ kyankyan no. 20 Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia wɔmmɔ mmɛnta no. 21 Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia wɔmmɔ asankuten no. 22 Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti.

23 Wɔyii Berekia ne Elkana wɔnwɛn Apam Adaka no. 24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso wɔnwɛn Apam Adaka no.

Wɔsoa Apam Adaka No Yerusalem

25 Afei, Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne akodɔm asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fie wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 26 Na ɛsiane akyinnyeɛ biara nni ho Awurade ka Lewifoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no enti, wɔde anantwinini nson ne nnwennini nson bɔɔ afɔdeɛ. 27 Wɔhyɛɛ Dawid serekye atadeɛ fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifoɔ a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwomtofoɔ no ne Kenania a ɔyɛ nnwomtofoɔ kwankyerɛfoɔ no nso yɛeɛ. Na Dawid hyɛ asɔfoɔ ngugusoɔ bi nso. 28 Enti, Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne totorobɛntohyɛn, kyankyanbɔ, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.

29 Na ɛberɛ a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal too nʼani hwɛɛ fam, firii ne mpomma mu. Ɛberɛ a ɔhunuu ɔhene Dawid resa na ɔde anigyeɛ rehurihuri no, ɔbuu no animtiaa nʼakoma mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também