Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 2

Israel Awoɔ Ntoatoasoɔ

1 Israel mmammarima Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, 2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

Yuda Asefoɔ

3 Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.

Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.

Nanso, na abakan Er no omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.

4 Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.

Enti Yuda woo mmammarima baanum.

5 Na Peres mmammarima din de

Hesron ne Hamul.

6 Serah mmammarima din de

Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.

7 Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.

8 Na Etan babarima ne

Asaria.

Ɛfiri Yuda Nana Barima Hesron So Kɔsi Dawid So

9 Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

10 Ram Aminadab agya.

Aminadab Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.

11 Nahson Salma agya.

Na Salma nso Boas agya.

12 Boas Obed agya.

Obed Yisai agya.

13 Yisai abakan Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Simea. 14 Na deɛ ɔtɔ so ɛnan Netanel ɛnna Radai so enum. 15 Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson. 16 Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.

Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din Abisai, Yoab ne Asahel.

17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.

Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ

18 Na Hesron babarima Kaleb yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.

19 Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.

20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

21 Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.

22 Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so Gilead asase so no.

23 (Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)

Na yeinom nyinaa Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.

24 Hesron wuu kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).

Hesron Ba Yerahmeel Asefoɔ

25 Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin

Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26 Yerahmeel yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima

Maas, Yamin ne Eker.

28 Onam mmammarima

Samai ne Yada.

Na Samai mmammarima

Nadab ne Abisur. 29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima Ahban ne Molid.

30 Na Nadab mmammarima

Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;

31 na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.

Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.

32 Na Samai nuabarima Yada woo

Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,

33 nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ

wɔn Pelet ne Sasa.

Na yeinom nyinaa Yerahmeel asefoɔ.

34 Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa.

Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha. 35 Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.

36 Atai woo Natan

na Natan woo Sabad.

37 Sabad woo Efial.

Efial woo Obed.

38 Obed woo Yehu

na Yehu woo Asaria.

39 Asaria woo Heles.

Heles woo Eleasa.

40 Eleasa woo Sisemai

na Sisemai woo Salum.

41 Salum woo Yekamia,

na Yekamia woo Elisama.

Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ

42 Yerahmeel nua Kaleb

babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.

Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.

43 Na Hebron mmammarima

Kora, Tapua, Rekem ne Sema.

44 Na Sema woo Raham.

Raham woo Yorkeam.

Na Rekem woo Samai.

45 Na Samai woo Maon.

Maon woo Bet-Sur.

46 Na Kaleb mpena Efa woo

Haran, Mosa ne Gases.

Na Haran woo Gases.

47 Na Yahdai mmammarima

Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.

48 Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo

Seber ne Tirhana.

49 Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya

ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.

Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.

50 Yeinom nyinaa Kaleb asefoɔ.

Kaleb Babarima Hur Asefoɔ

Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima

Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya 51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima

Haroe a ne fa Manahatini 53 na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.

54 Salma asefoɔ

Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ, 55 ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também