Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 9

1 Wɔtwerɛɛ Israel abusuadua biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nwoma mu. Esiane na Yudafoɔ no nni Awurade nokorɛ no enti, wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

Atukɔfoɔ A Wɔsane Baeɛ

2 Wɔn a wɔsane baeɛ bɛfaa wɔn agyapadeɛ wɔn nkuro dada mu no Israelfoɔ bi, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔredan mu aboafoɔ.

3 Nnipa a wɔfiri Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuo mu ba bɛtenaa Yerusalem no :

4 Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso Imri babarima na ɔno nso Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefoɔ.

5 Wɔn a wɔfiri Silonfoɔ abusua mu no :

Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima.

6 Serah abusua mu no:

Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ.

Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron (690) na wɔsane baeɛ.

7 Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne:

Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso Hasenua babarima;

8 Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima; Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima baeɛ.

9 Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ, na wɔatwerɛ wɔn din wɔn mmusuakuo mmusuadua nwoma mu. Benyamin abusuakuo mu mmusua aha nkron ne aduonum nsia na wɔsane baeɛ.

Asɔfoɔ A Wɔsane Baeɛ

10 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne:

Yedaia, Yehoriarib, Yakin;

11 Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima, a ɔno nso Mesulam babarima, na ɔno nso Sadok babarima, na ɔno nso Meraiot babarima, na ɔno nso Ahitub babarima. Na Asaria Onyankopɔn fie ahwɛfoɔ so panin.

12 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima, a na ɔno nso Pashur babarima, na ɔno nso Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima, na ɔno nso Yahsera babarima, na ɔno nso Mesulam babarima, a ɔno nso Mesilemit babarima, na ɔno nso Imer babarima.

13 Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne , wɔsom Onyankopɔn fie.

14 Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no :

Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni;

15 Bakbakar; Heres; Galal; Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima, na ɔno nso Asaf babarima,

16 Obadia a ɔyɛ Semaia babarima, a ɔyɛ Galal babarima, na ɔno nso Yedutun babarima, ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.

17 Apono anohwɛfoɔ a wɔsane baeɛ no :

Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn mmusuafoɔ. Salum na na ɔyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ panin. 18 Kane no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no so. Na saa mmarima no som Lewifoɔ atenaeɛ apono ano ahwɛfoɔ.

19 Na Salum Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ɔfiri Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ Korafoɔ no na na wɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea no, sɛdeɛ na wɔn mpanimfoɔ wɛnee Ahyiaeɛ Ntomadan Awurade atenaeɛ no.

20 Eleasa babarima Pinehas na kane no na ɔhwɛ apono ano ahwɛfoɔ no so, na Awurade ka ne ho.

21 Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano.

22 Ne nyinaa mu, saa ɛberɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no dodoɔ ahanu ne dumienu (212) a na wɔatwerɛ wɔn din wɔn mmusuadua nkrataa mu wɔn nkuraaseɛ.

Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri na wɔyɛ nokwafoɔ. 23 Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano. 24 Wɔde apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ. 25 Ɛberɛ-ano-berɛ-ano, na wɔn abusuafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no bɛboa wɔn wɔn nnanson nnanson dwumadie mu. 26 Saa apono ano ahwɛfoɔ mpanimfoɔ baanan a na wɔyɛ Lewifoɔ no, na wɔn adwuma no deɛ ɛkura asodie kɛseɛ, ɛfiri , wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fie no so. 27 Wɔwɛn Onyankopɔn fie anadwo, ɛfiri , na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma da biara anɔpa wɔbuebue apono no.

28 Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde ɔsom adwuma no so. wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu no nyinaa a, wɔhwɛ ebi nnyera. 29 Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie , nneɛma a ɛwɔ kronkronbea , nneɛma a wɔde brɛ wɔn, ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so. 30 Nanso, na asɔfoɔ no na wɔdi nnuhwam no ne kurobo no ho dwuma. 31 Matitia a ɔyɛ Lewini, na ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto burodo a wɔde afɔdeɛ no. 32 Na nnipa bi a wɔfiri Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie burodo a wɔde to ɛpono Homeda no.

33 Nnwom ho nimdefoɔ a na wɔn nso Lewifoɔ atitire no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ adwuma foforɔ biara, ɛsiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmerɛ nyinaa enti.

34 Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifoɔ mmusua no nyinaa ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ wɔn mmusuadua krataa mu.

Ɔhene Saulo Abusuadua

35 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon.

Na ne yere din de Maaka, 36 a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 37 Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot. 38 Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho Yerusalem.

39 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

40 Yonatan babarima ne:

Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

41 Mika mmammarima ne:

Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

42 Ahas woo Yara.

Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri.

Na Simri woo Mosa. 43 Mosa woo Binea.

Binea woo Refaia.

Refaia woo Elasa.

Elasa woo Asel.

44 Asel woo mmammarima baasia a wɔne:

Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom Asel mma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também