Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 14

Dawid Ahemfie Ne Nʼabusua

1 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn , wɔnkɔsi ahemfie mma no. Afei, Huram sane de ntweneduro nnua a wɔbɛpae kɔeɛ. 2 Na Dawid hunuu Awurade de no asi Israel so ɔhene, na ɛsiane Israel enti, wayɛ nʼahennie kɛseɛ.

3 Afei, Dawid waree mmaa bebree Yerusalem, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree. 4 Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, 5 Yibhar, Elisua, ne Elifelet, 6 Noga, Nefeg ne Yafia, 7 Elisama, Beeliada ne Elifelet.

Dawid Di Filistifoɔ So Nkonim

8 Ɛberɛ a Filistifoɔ tee wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano , wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn. 9 Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe pasaa. 10 Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn , "Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?"

Awurade buaa , "Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim."

11 Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so . Dawid teaam , "Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te nsuyire a ano den." Enti, wɔtoo beaeɛ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne "Awurade a ɔbɔ wura mu"). 12 Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa.

13 Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee . 14 Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa , "Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15 Na mote nnyegyeeɛ bi te nnipa bi a wɔrebɔ nsra nan ase baka nnua no atifi a, monto nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ , Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifoɔ no agu." 16 Enti, Dawid yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifoɔ akodɔm no guiɛ firi Gibeon de kɔsii Geser.

17 Na Dawid edin hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também