Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 1

Ɛfiri Adam So Kɔsi Noa Mma So

1 Adam asefoɔ Set, Enos,

2 Kenan, Mahalalel, Yared,

3 Henok, Metusela, Lamek,

4 Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

Yafet Asefoɔ

5 Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6 Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7 Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

Ham Asefoɔ

8 Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9 Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ Saba ne Dedan. 10 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ asase so.

11 Misraim tete agya ma

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, 12 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.

13 Na Kanaan abakan din de

Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso Hetifoɔ, 14 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, 15 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, 16 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.

Sem Asefoɔ

17 Na Sem asefoɔ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.

18 Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber. 19 Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne "nkyekyɛmu" ɛfiri , ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

20 Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, 21 Hadoram, Usal, Dikla, 22 Obal, Abimael, Seba, 23 Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa Yoktan asefoɔ.

24 Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela, 25 Eber, Peleg, Reu, 26 Serug, Nahor, Tera, 27 ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.

Abraham Asefoɔ

28 Abraham mmammarima Isak ne Ismael.

29 Na Ismael mmammarima nso ne

Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam, 30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema, 31 Yetur, Nafis ne Kedema.

Yeinom ne Ismael mmammarima.

32 Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

Na Yoksan asefoɔ Seba ne Dedan.

33 Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

Yeinom nyinaa Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima.

Isak Asefoɔ

34 Abraham woo Isak. Isak mmammarima Esau ne Israel.1.34 Israel: Yei ne edin a Onyankopɔn de too Yakob

Esau Asefoɔ

35 Na Esau mmammarima Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36 Na Elifas mmammarima Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37 Na Reuel mmammarima Nahat, Serah, Sama ne Misa.

Edomfoɔ Abɔseɛ

38 Na Seir mmammarima Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39 Na Lotan mmammarima Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.

40 Na Sobal mmammarima Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

Sibeon mmammarima Aya ne Ana.

41 Na Ana babarima Dison.

Na Dison mma Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

42 Na Eser mmammarima Bilhan, Saawan ne Akan.

Na Disan mmammarima Us ne Aran.

Edom Sodifoɔ

43 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:

Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.

44 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ ɔhene.

45 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ ɔhene.

46 Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

47 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.

49 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.

50 Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no Matred babaa ne Me-Sahab nso nana. 51 Na Hadad nso wuiɛ.

Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne

Timna, Alwa, Yetet, 52 Oholibama, Ela, Pinon, 53 Kenas, Teman, Mibsar, 54 Magdiel ne Iram.

Yeinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também