Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 5

Ruben Asefoɔ

1 Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho abakan. 2 Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea. 3 Israel abakan Ruben no mmammarima ne:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4 Yoɛl asefoɔ ne

Semaia, Gog, Simei,

5 Mika, Reaia, Baal,

6 ne Beera. Ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfoɔ kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na ɔdi Rubenfoɔ no anim.

7 Wɔatwerɛ Beera nkurɔfoɔ din sɛdeɛ wɔn mmusua ne abusua no teɛ: Yeiel ne wɔn ntuanoni, ɛnna Sakaria 8 ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoɛl babarima.

Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon. 9 Esiane na wɔwɔ anantwie bebree Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam anweatam a ɛtrɛ Asubɔnten Eufrate no ho.

10 Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ5.10 Hagarfoɔ. (1 Be 5.19-22) Saa abusua a wɔyɛ Hagar a na ɔyɛ Ismael ne na (1 Mose 16) asefoɔ no, na wɔyɛ Israelfoɔ atamfoɔ no mu baako (Nnw 83.6). so nkonim ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam no.

Gad Asefoɔ

11 Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.

12 Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat nʼaboafoɔ.

13 Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne:

Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.

14 Yeinom nyinaa Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.

15 Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni.

16 Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so.

17 Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.

Yordan Apueeɛ Fam Mmusuakuo

18 Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare akodie mu. 19 Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ. 20 Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri , wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim. 21 Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha. 22 Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri , na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii wɔtwaa wɔn asuo.

23 Manase abusua fa no trɛɛ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie. 24 Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ. 25 Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame. 26 Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te bɛsi ɛnnɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também