Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 10

Ɔhene Saulo Owuo

1 Afei, Filistifoɔ no bɛto hyɛɛ Israel so, ma Israelfoɔ no dwaneeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu pii bepɔ Gilboa so. 2 Filistifoɔ no kaa Saulo ne ne mmammarima hyɛeɛ. Wɔkunkumm wɔn mu baasa a wɔn ne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. 3 Ɔko no ano yɛɛ den Saulo ho hyiaaɛ, ma Filistifoɔ agyantofoɔ no nyaa Saulo piraa no yie.

4 Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no , "Twe wʼakofena, na fa me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase."

Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho. 5 Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu Saulo awuo no, ɔno nso de nʼakofena kumm ne ho. 6 Ɛno enti, Saulo ne ne mmammarima baasa no wuwuu ara, ma nʼahennie nnidisoɔ no baa awieeɛ.

7 Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no mu no hunuu wɔadi wɔn akodɔm no so, na Saulo ne ne mmammarima baasa no awuwu no, wɔdwane gyaa wɔn nkuro . Ɛno enti, Filistifoɔ no kɔfaa wɔn nkuro no.

8 Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ no kɔɔ wɔrekɔyiyi atɔfoɔ no ho nneɛma no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima no amu gugu bepɔ Gilboa so. 9 Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ. 10 Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho.

11 Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12 wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson.

13 Na Saulo wuiɛ, ɛfiri , wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ, 14 ɛberɛ a anka ɛsɛ ɔbisa akwankyerɛ firi Awurade . Ɛno enti, Awurade kumm no, de nʼahennie hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também