Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 23

Lewifoɔ Nnwuma

1 Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.

2 Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofoɔ nyinaa ne asɔfoɔ, a Lewifoɔ ka ho , wɔmmra ahensie afahyɛ no ase. 3 Wɔkanee Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduasa anaa deɛ ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodoɔ mpem aduasa nwɔtwe. 4 Na Dawid kaa , "Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom mpanimfoɔ ne atemmufoɔ. 5 Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade."

6 Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.

Gersonfoɔ

7 Gerson mmammarima ne:

Libni ne Simei.

8 Libni asefoɔ no mu baasa :

Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.

9 Yeinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanimfoɔ.

Na Simei asefoɔ baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.

10 Simei asefoɔ baanan a wɔaka no ne:

Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.

11 Na Yahat ɔbapanin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria abusua baako, ɛfiri , na wɔn mu biara nni mmammarima dodoɔ.

Kohatfoɔ

12 Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefoɔ no ho.

13 Amram mmammarima :

Aaron ne Mose.

Wɔyii Aaron ne nʼasefoɔ wɔnni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔdeɛ Awurade anim, nsom Awurade, na wɔnhyira ne din mu daa daa. 14 Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no deɛ, wɔde ne mmammarima kaa Lewi abusuakuo ho.

15 Mose mmammarima no

Gersom ne Elieser.

16 Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho.

17 Na Elieser ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin.

Na Rehabia mmammarima bebree.

18 Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho.

19 Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin,

Amaria a ɔdi ,

Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa

ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no

ne Hebron mmammarima no.

20 Na Mika a ɔyɛ abusuapanin ne Yisia a ɔdi no

Usiel asefoɔ no.

Merarifoɔ

21 Na Mahli ne Musi

Merari mmammarima.

Mahli mmammarima ne:

Eleasa ne Kis.

22 (Eleasa wuiɛ a wanwo mmammarima biara, na mmom, mmammaa nko ara. Ne mmammaa no warewaree wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmammarima.)

23 Musi mmammarima baasa no din de:

Mahli, Eder ne Yeremot.

24 Yeinom na na wɔn mmusua enti wɔyɛ Lewi asefoɔ, na wɔyɛ wɔn mmusua akuo no ntuanofoɔ a na wɔahwɛ atwerɛ wɔn din. Na ɛsɛ wɔn mu biara di mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa, ansa na waso Awurade fie som. 25 Na Dawid kaa , "Awurade, Israel Onyankopɔn ama yɛn asomdwoeɛ, na daa ɔbɛtena Yerusalem. 26 Afei, ɛho nhia Lewifoɔ no bɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena." 27 Sɛdeɛ Dawid no ara akwankyerɛ a ɛtwa toɔ no seɛ no, ɛsɛ wɔtwerɛ Lewifoɔ a wɔadi mfirinhyia aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.

28 Na Lewifoɔ no adwuma ne , wɔbɛboa asɔfoɔ no a wɔyɛ Aaron asefoɔ no ɔsom nnwuma a wɔyɛ Awurade fie no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adihɔ ne adan a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahodoɔ so Onyankopɔn efie. 29 Na wɔhwɛ burodo kronkron a wɔkora no didipono so no, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde aduane afɔdeɛ, taterɛ a mmɔreka nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua sradeɛ akye ne burodo afoforɔ a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛdeɛ bi nso ne , wɔhwɛ nsania ne susudua nso so. 30 Na anɔpa ne anwummerɛ biara nso, wɔgyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no. 31 Wɔboa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade homeda ahodoɔ mu Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadie mu. Ɛberɛ biara, na Lewifoɔ dodoɔ a ɛfata a wɔsom Awurade anim.

32 Ɛno enti, Lewifoɔ no a na wɔsom Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔɔ so somm Asɔredan no mu. Na wɔde nokorɛdie yɛɛ wɔn som no nnwuma Awurade efie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também