Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 11

Dawid Di Israel Nyinaa So Ɔhene

1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn Hebron kɔka kyerɛɛ no , "Yɛn nyinaa wʼabusuafoɔ. 2 Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo , Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ "

3 Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam Awurade anim Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho no.

Dawid Ko Faa Yerusalem

4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛdeɛ na wɔfrɛ kane no, ɛfiri , Yebusifoɔ na wɔkɔtenaa asase no so kane kyekyereeɛ. 5 Nnipa a wɔfiri Yebus no ka kyerɛɛ Dawid , "Worentumi mma ha da biara da." Nanso, Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kuro no.

6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakodɔm no , "Mo mu biara a ɔbɛdi anim na yɛakɔto ahyɛ Yebusifoɔ no so no, ɔno na ɔbɛyɛ mʼakodɔm so sahene." Na Dawid nuabaa Seruia babarima Yoab dii ntohyɛsoɔ no anim, enti ɔbɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene.

7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno enti na wɔfrɛɛ Dawid kuro no. 8 Dawid kyekyeree kuro no, trɛɛ mu firi Milo de twaa ho hyiaeɛ, ɛberɛ a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkaeɛ no. 9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri , na Asafo Awurade ka ne ho.

Dawid Nnɔmmarima

10 Yeinom ne Dawid nnɔmmarima ntuanofoɔ. Wɔne Israel nyinaa boom, sii gyinaeɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so ɔhene sɛdeɛ Awurade ahyɛ afa Israel ho no. 11 Dawid nnɔmmarima no ho nsɛm nie: Deɛ ɔdi ɛkan no ne Yasobeam, a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano ɔsaheneBaasa no nnɔmmarima akatakyie a na wɔwɔ Dawid asraafoɔ mu. Ɛberɛ bi, ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ ahasa akodie baako mu.

12 Deɛ ɔtɔ so mmienu Baasa no mu no Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahoa aseni. 13 Ɛberɛ a Dawid sɔre tiaa Filistifoɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii baabi a na ɛyɛ atokofuo nko, na Israel asraafoɔ no dwaneeɛ. 14 Nanso, Eleasa ne Dawid gyinaa wɔn nan so afuo no mfimfini, bɔɔ Filistifoɔ guiɛ. Na Awurade maa wɔdii nkonim de gyee wɔn.

15 Ɛda bi a Dawid ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifoɔ asraadɔm akyere sraban Refaim bɔnhwa mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wɔagye edin Dawid akodɔm mu no siane kɔhyiaa no . 16 Saa ɛberɛ no, na Dawid te abanbɔeɛ mu a na Filistifoɔ akodɔm kuo bi akɔtena Betlehem. 17 Dawid firi akɔnnɔ mu kaeɛ , "Ao me kɔn nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; deɛ ɛbɛn ɛpono ano no bi." 18 Enti, Baasa no wuraa Filistifoɔ no mu, kɔsaa abura no mu nsuo no bi de brɛɛ Dawid. Nanso, Dawid annom. Mmom, ɔhwie guu Awurade anim 19 teaam , "Ɛmpare me mɛnom saa nsuo yi. Ɛsom bo te saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔdeɛ kɔsa brɛɛ me no mogya." Enti, Dawid annom. Yei Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛsoɔ.

Dawid Nnɔmmarima Aduasa No

20 Yoab nuabarima Abisai na na ɔtua Aduasa no ano. Ɔno na ɔde ne pea kunkumm atamfoɔ no mu ahasa. Saa mmaninsɛm yi enti na ɔgyee edin te Baasa no. 21 Abisai na na ne din ahyeta yie Aduasa no mu wɔn sahene, nanso na ɔnka Baasa no ho.

22 Na Yehoiada babarima Benaia a ɔfiri Kabseel no nso . Na ɔno nso di mmaninsɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne ɔkunkumm Moab akofoɔ akɛseɛ baanu bi. Ɛberɛ foforɔ bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amena mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro, nanso, ɔkyeree gyata no kumm no. 23 Ɛda bi a na ɔkura aporibaa nko ara no, ɔkumm Misraimni ɔkofoɔ bi a na ne tenten anammɔn nson ne fa. Na ne pea no mu pipiripie te ntomanwomfoɔ nsadua. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, de kumm no. 24 Yeinom ne mmaninsɛm a ɛmaa Yehoiada babarima Benaia gyee edin te Baasa no. 25 Wɔhyɛɛ no animuonyam sene nkaeɛ a wɔka Aduasa no ho no, nanso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfoɔ no so sahene.

26 Nnipa a na wɔka Dawid nnɔmmarima no ho nie:

Yoab nuabarima Asahel;

Dodo babarima Elhanan a ɔfiri Betlehem;

27 Samot a ɔfiri Harori;

Heles a ɔfiri Pelon;

28 Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa;

Abieser a ɔfiri Anatot;

29 Sibekai a ɔfiri Husa;

Salmon a ɔfiri Ahoa;

30 Maharai a ɔfiri Netofa;

Baana a ɔfiri Netofa babarima Heled;

31 Ribai a ɔfiri Gibea babarima Itai (wɔfiri Benyamin abusuakuo mu); Benaia a ɔfiri Piraton;

32 Hurai a ɔfiri baabi a ɛbɛn Nahale-Gaas;

Abiel a ɔfiri Araba.

33 Asmawet a ɔfiri Baharum;

Eliahba a ɔfiri Saalbon.

34 Hasem mmammarima a wɔfiri Gison;

Sage babarima Yonatan a ɔfiri Harar.

35 Sakar babarima Ahiam a ɔfiri Harar;

Ur babarima Elifar.

36 Hefer a ɔfiri Mekera;

Ahiya a ɔfiri Pelon.

37 Hesro a ɔfiri Karmel;

Esbai babarima Naarai.

38 Natan nuabarima Yoɛl;

Hagri babarima Mibhar.

39 Selek a ɔfiri Amon;

Naharai a ɔfiri Beerot (a na ɔyɛ Yoab akodeɛkurafoɔ);

40 Ira a ɔfiri Yitri;

Gareb a ɔfiri Yitri;

41 Hetini Uria;

Ahlai babarima Sabad;

42 Sisa babarima Adina a na ɔda Rubenfoɔ ano, a na mmarima aduasa ka ne ho;

43 Maaka babarima Hanan;

Yosafat a ɔfiri Mitna;

44 Usia a ɔfiri Astera;

Hotam a ɔfiri Aroer mmammarima Sama ne Yeiel;

45 Simri babarima Yediael;

Yoha ne nuabarima a ɔfiri Tis;

46 Eliel a ɔfiri Mahawi;

Elnaam mmammarima Yeribai ne Yosawia;

Yitma a ɔfiri Moab;

47 Eliel ne Obed;

Yaasiel a ɔfiri Soba.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também