Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 8

Benyamin Asefoɔ

1 Benyamin mmammarima na ɛdidi soɔ yi:

Bela (abakan), Asbel, Ahra,

2 Noha ne Rafha.

3 Bela mmammarima :

Adar, Gera, Abihud, 4 Abisua, Naaman, Ahoa, 5 Gera, Sefufan ne Huram.

6 Ehud mmammarima, mmusua ntuanofoɔ, a na wɔte Geba a wɔpamoo wɔn firii kɔɔ Manahat nie:

7 Naaman, Ahiya ne Gera. Gera a na ɔyɛ Usa ne Ahihud agya no na ɛberɛ a wɔretu no, ɔdii wɔn anim.

8 Saharaim gyaee ne yerenom Husim ne Baara akyi no, ɔwoo mma Moab asase so. 9 Ne yere foforɔ Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam, 10 Yeus, Sakia ne Mirma. Saa mmammarima yi bɛyɛɛ mmusua ntuanofoɔ. 11 Na Saharaim yere Husim awo Abitub ne Elpaal dada.

12 Elpaal mmammarima :

Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraaseɛ no, 13 Beria ne Sema. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a na wɔte Ayalon, na wɔpamoo ɔmanfoɔ a wɔte Gat no.

14 Beria mmammarima Ahio, Sasak, Yeremot, 15 Sebadia, Arad, Eder, 16 Mikael, Yispa ne Yoha.

17 Elpaal mmammarima Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber, 18 Ismerai, Yislia ne Yobab.

19 Simei mmammarima Yakim, Sikri, Sabdi, 20 Elienai, Siletai, Eliel, 21 Adaia, Beraia ne Simrat.

22 Sasak mmammarima Yispan, Eber, Eliel, 23 Abdon, Sikri, Hanan, 24 Hanania, Elam, Antotia, 25 Yifdeia ne Penuel.

26 Yeroham mmammarima : Samserai, Seharia, Atalia, 27 Yaaresia, Elia ne Sikri.

28 Yeinom ne agyanom mmusua ntuanofoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔn mu biara abusuadua nkrataa mu. Na wɔn nyinaa tenaa Yerusalem.

Saulo Abusua

29 Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka 30 a na ne babarima piesie din de Abdon. Na Yeiel mmammarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab, 31 Gedor, Ahio, Seker, 32 ne Miklot a ɔyɛ Simea agya. Na saa mmusuafoɔ yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho Yerusalem.

33 Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.

34 Yonatan babarima ne:

Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.

35 Mika mmammarima ne:

Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

36 Ahas woo Yehoada na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa. 37 Mosa woo Binea. Binea woo Rafha. Rafha woo Elasa. Elasa woo Asel.

38 Asel woo mmammarima baasia a wɔne:

Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na yeinom Asel mma.

39 Na Asel nuabarima Esek mmammarima baasa a wɔne

Ulam a ɔyɛ abakan, Yeus a ɔtɔ so mmienu ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa. 40 Ulam mmammarima nyinaa akofoɔ a wɔakwadare akodie mu, na wɔyɛ agyantofoɔ toamfom. Na wɔwɔ mma ne mmanananom bebree a na wɔn nyinaa dodoɔ ɔha aduonum.

Yeinom nyinaa Benyamin asefoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também