Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 3

Dawid Asefoɔ

1 Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid Hebron.

Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam.

Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.

2 Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa.

Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.

3 Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital.

Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.

4 Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid Hebron. Ɔdii adeɛ mfirinhyia nson ne fa.

Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa . 5 Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid Yerusalem no ne:

Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.

6 Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet, 7 Noga, Nefeg, Yafia, 8 Elisama, Eliada ne Elifelet.

9 Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.

Salomo Asefoɔ

10 Na Salomo asefoɔ

Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,

11 Yehoram, Ahasia, Yoas,

12 Amasia, Asaria, Yotam,

13 Ahas, Hesekia, Manase,

14 Amon ne Yosia.

15 Na Yosia mmammarima ne

Yohanan a ɔyɛ abakan,

Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu,

Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa,

ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.

16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ,

ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.

Yehoiakyin Asefoɔ

17 Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no

mmammarima ne Sealtiel, 18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.

19 Na Pedaia mmammarima

Serubabel ne Simei.

Na Serubabel mmammarima

Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit. 20 Na ne mmammarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.

21 Na Hanania mmammarima din de

Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.

22 Na Sekania asefoɔ

Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa baasia.

23 Na Nearia mmammarima din de

Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.

24 Na Elioenai mmammarima din de

Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também