Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Berɛsosɛm 12

Nnɔmmarima Kɔka Dawid Akodɔm Ho

1 Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid akodie mu. 2 Na wɔn nyinaa agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.

3 Na deɛ ɔtua wɔn ano Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ:

Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet;

Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot; 4 Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni Aduasa no mu;

Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera; 5 Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ɔfiri Harif;

6 Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafoɔ;

7 Yoela, Sebadia, Yeroham mmammarima a wɔfiri Gedor.

8 Gadfoɔ akofoɔ akokoɔdurufoɔ bi a wɔakwadare akodie mu dwane kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔwɔ abanbɔeɛ mu ɛserɛ no so. Na wɔyɛ anintini nkataboɔ ne pea akodie mu a wɔn ho hu gyata, na wɔn ho hare te mmepɔ so atwe.

9 Eser na na ɔtua wɔn ano.

Obadia abadiakyire.

Eliab na ɔtɔ so mmiɛnsa.

10 Deɛ ɔtɔ so ɛnan ne Mismana.

Deɛ ɔtɔ so enum ne Yeremia.

11 Atai so nsia, Eliel so nson.

12 Yohanan so nwɔtwe, Elsabad so nkron.

13 Yeremia so edu, Makbanai so dubaako.

14 Saa nnɔmmarima a wɔfiri Gad yi asahene. Deɛ ɔnyɛ den koraa no, ɔtumi ne asraafoɔ ɔha ko, ɛnna deɛ ɔyɛ den no tumi ne asraafoɔ apem ko. 15 Afe no ahyɛaseɛ a Asubɔnten Yordan ayiri no, wɔtwa kɔpamoo nnipa a wɔtete tata so nʼapueeɛ ne nʼatɔeɛ nkonkɔn so nyinaa firii .

16 Afoforɔ a wɔfiri Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn abanbɔeɛ . 17 Dawid kɔhyiaa wɔn kaa , "moaba asomdwoeɛ so morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na moaba morebɛyi me ama mʼatamfoɔ ɛberɛ a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Onyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn."

18 Na honhom no sii Amasai a akyire no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panin no so, na ɔkaa ,

"Yɛyɛ wo dea, Dawid!

Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;

Asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ nyɛ wo kyɛfa

na wʼaboafoɔ nyinaa nnya nkɔsoɔ,

ɛfiri , wo Onyankopɔn ne deɛ ɔboa wo."

Enti, Dawid maa wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanimfoɔ nʼakodɔm mu.

19 Manase mmarima no bi tee wɔn ho kɔdɔmm Dawid ɛberɛ a na ɔne Filistifoɔ no rekɔko atia Saulo no. Nanso, asɛm no ani daneeɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ ampene so Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wɔdwendwenee ho ara no, wɔmaa wɔsanee wɔn akyi kaa , "Dawid dane nʼani Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde bɛtwa so." 20 Manase mmarima a wɔwae kɔɔ Dawid afa ɛberɛ a na ɔresane akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da akodɔm apem ano. 21 Wɔboaa Dawid maa ɔtaa afomfafoɔ no, ɛfiri , na wɔyɛ akokoɔdurufoɔ ne akofoɔ akɛseɛ a wɔbɛyɛɛ asahene nʼakodɔm mu. 22 Adekyeeɛ biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kɔsii ɔnyaa asraadɔm a ɛso te Onyankopɔn deɛ.

23 Yeinom ne akofoɔ akɛseɛ dodoɔ a wɔdɔm Dawid Hebron no. Na wɔn nyinaa Dawid si Saulo anan mu di ɔhene, sɛdeɛ Awurade ahyɛ ato no.

24 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem nsia ne aha nwɔtwe a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.

25 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem nson ne ɔha.

26 Akodɔm a na wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem ɛnan ne ahansia (4,600). 27 Na Yehoiada a ɔtua Aaron abusua no ano no akodɔm mpem mmiɛnsa ne ahanson (3,700) a wɔhyɛ nʼase. 28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabunu ɔkofoɔ kɛseɛ ne nʼabusuafoɔ aduonu mmienu a wɔn nyinaa asraafoɔ mpanimfoɔ ka ho.

29 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔyɛ Saulo abusuafoɔ no, na wɔn dodoɔ mpem mmiɛnsa (3,000). Na Benyaminfoɔ no mu fa kɛseɛ no taa Saulo akyi ara.

30 Akofoɔ akɛseɛ a wɔfiri Efraim abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem aduonu ne aha nwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye edin nʼabusua mu.

31 Manase abusuakuo fa a na ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nso, wɔtuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botaeɛ ara ne wɔbɛboaa Dawid ma wadi ɔhene.

32 Ntuanofoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo mu ne wɔn abusuafoɔ dodoɔ ahanu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa ɛberɛ no ase, na wɔnim ɛkwan pa a ɛyɛ ma Israel nso.

33 Akofoɔ a wɔakwadare akodie mu a wɔfiri Sebulon abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodie, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.

34 Wɔn a wɔfiri Naftali abusuakuo mu no asraafoɔ mpanimfoɔ apem (1,000) ne akofoɔ akɛseɛ mpem aduasa nson (37,000) a wɔkurakura nkataboɔ ne mpea.

35 Akofoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem aduonu nwɔtwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.

36 Akofoɔ akɛseɛ a wɔatete wɔn yie a wɔfiri Aser abusuakuo mu no, na wɔn dodoɔ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.

37 Ruben, Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no maa asraadɔm mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akodeɛ ahodoɔ nyinaa.

38 Saa asraafoɔ yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botaeɛ ara ne wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.

Nokorɛm, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu , ɛsɛ Dawid na ɔyɛ wɔn ɔhene. 39 Wɔne Dawid didiiɛ, nomeeɛ nnansa, ɛfiri , na wɔn abusuafoɔ no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn ɛkwan. 40 Nnipa bi a wɔfiri akyiri te Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuane tenaa wɔn mfunumu, nyoma ne anantwie so baeɛ. Wɔde asikyiresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsã, ngo, anantwie ne nnwan bebree baa afahyɛ no ase. Anigyeɛ a ɛnni kabea baa Israel asase so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também