Pular para o conteúdo
Publicidade

Marido e mulher

Por Bíblia Online

O casamento é aliança sagrada entre marido e mulher, instituída por Deus desde o Éden. A Bíblia define papéis complementares fundados em amor, respeito e fidelidade mútua.

Instituição divina

Deus criou homem e mulher e os uniu em uma só carne. O casamento é projeto divino que reflete o amor de Cristo pela Igreja.

Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn.

Onyankopɔn Hawa

Afei, Awurade Onyankopɔn kaa , "Ɛnyɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no."

Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ.

Yesu nso bisaa wɔn , "Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ mu , Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no. Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ onipa tete mu."

Ɛnyɛ Awurade korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔn mu. Enti da wo ho so honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ.

Papéis no casamento

O marido ama e a mulher respeita. Ambos se submetem voluntariamente a Deus e um ao outro, em parceria e unidade.

Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too maa no, na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, de maa ne ho asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. Saa ara na ɛsɛ mmarima wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no nʼankasa ne ho. Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo asafo no,

Ɔyerenom Ne Okununom

Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, ɛfiri okunu ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no Kristo onipadua. Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase biribiara mu ma wɔn kununom.

Enti, ɛsɛ okunu biara ne yere nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.

Ayɔnkofa Pa

Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ ɛsɛ Awurade mu.

Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.

Ɔyerenom Ne Okununom

Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia mobɛka biribi, ɛfiri wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn mo suban mu.

Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ modwene mo yerenom ho mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu wɔne mo adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan.

Fidelidade e união

O casamento é honroso e deve ser preservado com fidelidade. O cordão de três dobras não se rompe facilmente.

Baanu sene ɔbaakofoɔ,

ɛfiri wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko bɛtumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

ɔnni ɔboafoɔ no mmɔbɔ.

Bio, baanu da mu a, wɔka wɔn ho hye.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?

Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.

Awieeɛ: Ɔyere A Ɔsom Bo

Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?

Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.

Ne kunu ne mu ahotosoɔ pa ara

na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.

Deɛ wanya yere no anya adepa

na ɔnya adom firi Awurade .

Afie ne ahonyadeɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ,

na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.

Ɔyere a ɔwɔ suban pa ne kunu ahenkyɛ,

nanso ɔyere animguasefoɔ te porɔeɛ ne kunu nnompe mu.

Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

Ɔte ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.

Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa

na ne nkyekyere wo.

Permanecer juntos

O que Deus uniu, o homem não separe. A Bíblia protege o casamento e orienta sobre convivência, perdão e perseverança conjugal.

Awadeɛ Ho Afotusɛm

Afei, deɛ ɛfa nsɛm a motwerɛ de brɛɛ me no ho nie: Ɛyɛ ɔbarima nware. Nanso, ɛsiane adwamammɔ enti, ɛsɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. Ɛsɛ ɔbarima nʼasɛdeɛ okunu na ɔbaa nso nʼasɛdeɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi. Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri , montumi nni mo ho so.

Mo awarefoɔ nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a ɛmfiri me na ɛfiri Awurade nkyɛn : Ɛnsɛ ɔbaa gyaa ne kunu. ɛba saa a, ɛnsɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ okunu nso gyaa ne yere.

Na nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ Okristoni no ɔte ne ho firi Okristoni no ho a, momma no ɛkwan. ɛba saa a, Okristoni no, ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo montena ase asomdwoeɛ mu. Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu worentumi nnye wo yere nkwa?

Ɔbaa warefoɔ sei, ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio.

ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ wɔde no ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.

Seja o primeiro