Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 24

Ngo Ne Burodo Kronkron

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa kanea a ɛnnum da, 3 adanseɛ ntwamutam no akyi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, Aaron bɛhwɛ nkanea a ɛwɔ Awurade anim no so, firi anwummerɛ kɔsi anɔpa biara. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. 4 Ɛsɛ wɔhwɛ nkanea a ɛsisi sikakɔkɔɔ kaneadua so Awurade anim no so ɛberɛ biara.

5 "Momfa asikyiresiam muhumuhu nto burodo amuamua dumienu. Momfa esiam lita ɛnan ne fa nto burodo mua biara. 6 Monhyehyɛ no akyerɛpɛn mmienu, a nsia biara kyerɛpɛn baako so sikakɔkɔɔ amapa ɛpono so Awurade anim. 7 Mode aduhwam pa bɛgu kyerɛpɛn biara ho de asi burodo no anan mu ayɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ogya so ma Awurade. 8 Ɛsɛ wɔde saa burodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a ɛnni awieeɛ ama Israelfoɔ. 9 Burodo yi Aaron ne ne mmammarima dea, na ɛsɛ wɔdi kronkronbea , ɛfiri , ɛyɛ kronkron pa ara wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma Awurade no mu."

Wɔsii Musubɔni Bi Aboɔ

10 Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame Israelni na nʼagya nso Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔn atenaeɛ. 11 Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu. 12 Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.

13 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 14 "Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no. 15 Ka kyerɛ Israelfoɔ no , Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ ɔnya ho asotwe: 16 obiara a ɔgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ wɔkum no. Ɛsɛ ɛdɔm no nyinaa si no aboɔ. Ɔhɔhoɔ anaa Israelni biara a ɔbɛgu Awurade din ho fi no, ɛsɛ wɔkum no.

17 " Obiara a ɔkum ne yɔnko onipa no, ɛsɛ wɔkum no. 18 Obiara a ɔkum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ ɔhyɛ ananmu. 19 obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bɛpira no bi saa ara. 20 Dompe mu bu nsi dompe mu bu ananmu; ani nsi ani ananmu; ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ obi pira ɔfoforɔ no, saa ara na wɔmpira ɔno nso. 21 Obiara a ɔbɛkum aboa bi no, ɛsɛ ɔhyɛ anan mu; nanso obi kum onipa a, ɛsɛ wɔkum no bi. 22 Mmara korɔ no ara ma ɔhɔhoɔ ne kuromani. Mene Awurade, mo Onyankopɔn.’ "

23 Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, na wɔyii obusuyɛni no firii atenaeɛ kɔsii no aboɔ. Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também