Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 12

Awoɔ Akyi Ahodwira

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ɔnhyɛ Israelfoɔ mmara , 2 "ɔbaa bi wo ɔbabarima a, ne ho nnte nnanson, te deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. 3 Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ wɔtwa abarimaa no twetia. 4 Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan ɔkɔ hyiadan mu nso. 5 ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa.

6 "saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ ɔde wɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no, 7 na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio nʼawoɔ mu mogyaguo ho.

"Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ. 8 Na ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa no a, ɛnneɛ, ɛsɛ ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu ba. Wɔde baako bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɔsɔfoɔ no de yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte bio."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também